Surah Al-Hajj — The Pilgrimage
Surah Al-Hajj (The Pilgrimage) is chapter 22 of the Quran, with 78 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.
يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ٱتَّقُواْ رَبَّكُمۡۚ إِنَّ زَلۡزَلَةَ ٱلسَّاعَةِ شَيۡءٌ عَظِيمࣱ
Adasamma, monsuro mo Wura Nyankopͻn; nokorε sε Awosoͻ (Da) no yε dͻnhwere bi a εho asεm so papaapa
Ayah 1يَوۡمَ تَرَوۡنَهَا تَذۡهَلُ كُلُّ مُرۡضِعَةٍ عَمَّآ أَرۡضَعَتۡ وَتَضَعُ كُلُّ ذَاتِ حَمۡلٍ حَمۡلَهَا وَتَرَى ٱلنَّاسَ سُكَٰرَىٰ وَمَا هُم بِسُكَٰرَىٰ وَلَٰكِنَّ عَذَابَ ٱللَّهِ شَدِيدࣱ
Ɛda a mobehunu no, ͻbaa nufumafoͻ biara werε befri nea ͻrema no nufoͻ no, na ͻpenfoͻ biara bεwo deε ͻyem no awo (mono); na wobehunu nnipa tesε deε wͻn aborͻ, nanso εnyε borͻ na wͻn aborͻ, na mmom Nyankopͻn asotwee no na ano bεyε den paa
Ayah 2وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يُجَٰدِلُ فِي ٱللَّهِ بِغَيۡرِ عِلۡمࣲ وَيَتَّبِعُ كُلَّ شَيۡطَٰنࣲ مَّرِيدࣲ
Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻ’gye Nyankopͻn ho akyinnyeε a nimdeε (biara) nni mu, na wͻ’di ͻbonsam otuateɛni biara akyi
Ayah 3كُتِبَ عَلَيۡهِ أَنَّهُۥ مَن تَوَلَّاهُ فَأَنَّهُۥ يُضِلُّهُۥ وَيَهۡدِيهِ إِلَىٰ عَذَابِ ٱلسَّعِيرِ
Y’ahyehyε no wͻ (ͻbonsam) ho sε, obia ͻde ne ho bεto ne soͻ no, nokorԑ sε ͻbεyera no, na wakyerε no kwan akͻ Amanehunu gyem
Ayah 4يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِن كُنتُمۡ فِي رَيۡبࣲ مِّنَ ٱلۡبَعۡثِ فَإِنَّا خَلَقۡنَٰكُم مِّن تُرَابࣲ ثُمَّ مِن نُّطۡفَةࣲ ثُمَّ مِنۡ عَلَقَةࣲ ثُمَّ مِن مُّضۡغَةࣲ مُّخَلَّقَةࣲ وَغَيۡرِ مُخَلَّقَةࣲ لِّنُبَيِّنَ لَكُمۡۚ وَنُقِرُّ فِي ٱلۡأَرۡحَامِ مَا نَشَآءُ إِلَىٰٓ أَجَلࣲ مُّسَمࣰّ ى ثُمَّ نُخۡرِجُكُمۡ طِفۡلࣰ ا ثُمَّ لِتَبۡلُغُوٓاْ أَشُدَّكُمۡۖ وَمِنكُم مَّن يُتَوَفَّىٰ وَمِنكُم مَّن يُرَدُّ إِلَىٰٓ أَرۡذَلِ ٱلۡعُمُرِ لِكَيۡلَا يَعۡلَمَ مِنۢ بَعۡدِ عِلۡمࣲ شَيۡـࣰٔ اۚ وَتَرَى ٱلۡأَرۡضَ هَامِدَةࣰ فَإِذَآ أَنزَلۡنَا عَلَيۡهَا ٱلۡمَآءَ ٱهۡتَزَّتۡ وَرَبَتۡ وَأَنۢبَتَتۡ مِن كُلِّ زَوۡجِۭ بَهِيجࣲ
Adasamma, sε moadwen nnsi mo pi wͻ Owusͻreε no ho a, εneε nokorε sε Yε’bͻͻ mo (Nana Adam) fri nεteε mu, ԑna afei (yε’bᴐͻ mo) fri ahobaeε mu, εna afei mogyatoa mu, εna afei namkum a adi mmu ne deε ennii mmu mu, sεdeε Yε’bεkyerε (Ye’tumi) akyerε mo. Deε Yε’pε no na Y’ama no agyina wͻ awodeε no mu akͻpem εberε a yahyε, ansa na Y’ama mo apue (afri yafunu mu) sε nkͻdaa, ansa na mo (anyin) aduru mo mpanin berε mu. Momu bi wͻ hͻ a yεma no wu (wͻ nkͻdaa berε mu anaasε ne mmrante berε anaa ne mmabaa berε mu), mo mu bi nso wͻ hͻ a yεsan no kͻ nkwa (nna) a enni mfasoͻ no mu a enti (ne) nimdeε akyiri no na onnim hwee bio. Wohunu asaase a awoͻ, sε Ye’siane nsuo gu so a, εkeka ne ho na ahono-hono, na nuaba ahodoͻ fεfεεfε apuepue mu
Ayah 5ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡحَقُّ وَأَنَّهُۥ يُحۡيِ ٱلۡمَوۡتَىٰ وَأَنَّهُۥ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءࣲ قَدِيرࣱ
Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ne Nokorε no, na Ɔno na Ɔma owufoͻ nkwa, nokorԑ nso sԑ Ɔno na Ɔwͻ biribiara so tumi
Ayah 6وَأَنَّ ٱلسَّاعَةَ ءَاتِيَةࣱ لَّا رَيۡبَ فِيهَا وَأَنَّ ٱللَّهَ يَبۡعَثُ مَن فِي ٱلۡقُبُورِ
Nokorε nso sε Dͻnhwere no reba a akyinnyeε (biara) nni ho; nokorε nso sε Nyankopͻn benyane wͻn a wͻn wͻ adakamena mu no
Ayah 7وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يُجَٰدِلُ فِي ٱللَّهِ بِغَيۡرِ عِلۡمࣲ وَلَا هُدࣰ ى وَلَا كِتَٰبࣲ مُّنِيرࣲ
Nnipa no bi wͻ hͻ a wͻ’gye Nyankopͻn ho akyinyeε a nimdeε anaa tenenee anaa Nwoma a εhyerεn biara nni ho
Ayah 8ثَانِيَ عِطۡفِهِۦ لِيُضِلَّ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِۖ لَهُۥ فِي ٱلدُّنۡيَا خِزۡيࣱۖ وَنُذِيقُهُۥ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ عَذَابَ ٱلۡحَرِيقِ
Ɔdane neho (fri nokorε no ho) wͻ ahomasoͻ mu sεdeε ͻbεyera (amanfoͻ) afri Nyame kwan no soͻ, (saa nipa no) wͻ animguaseε wͻ wiase yi mu, na Yε’bεma no aka ͻhyeε asotwee no ahwε
Ayah 9ذَٰلِكَ بِمَا قَدَّمَتۡ يَدَاكَ وَأَنَّ ٱللَّهَ لَيۡسَ بِظَلَّٰمࣲ لِّلۡعَبِيدِ
Saa, efri deε wonsa adi ato w’anim no ho nti, na Nyankopͻn deε Onsisi N’akoa
Ayah 10وَمِنَ ٱلنَّاسِ مَن يَعۡبُدُ ٱللَّهَ عَلَىٰ حَرۡفࣲۖ فَإِنۡ أَصَابَهُۥ خَيۡرٌ ٱطۡمَأَنَّ بِهِۦۖ وَإِنۡ أَصَابَتۡهُ فِتۡنَةٌ ٱنقَلَبَ عَلَىٰ وَجۡهِهِۦ خَسِرَ ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةَۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡخُسۡرَانُ ٱلۡمُبِينُ
Nnipa no bi nso wͻ hͻ a wͻ’gyina εhyeε so na wͻ’som Nyame (anaasε wͻ’som Nyame nanso wͻn adwen nnsi pi), enti sε papa to no a na n’akoma atͻ ne yεm wͻ ho, sε nsͻhwε bi nso to no a na w’adane n’akyi ama. W’ahwere wiase ne Daakye no. Ԑno ne berεguo pefee no
Ayah 11يَدۡعُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَا يَضُرُّهُۥ وَمَا لَا يَنفَعُهُۥۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلضَّلَٰلُ ٱلۡبَعِيدُ
Ofri Nyankopͻn akyi su frε adeε a entumi mfa ͻhaw biara mma no na entumi mma no mfasoͻ biara nso. Ɛno ne ͻyera a εkͻ akyirikyiri paa no
Ayah 12يَدۡعُواْ لَمَن ضَرُّهُۥٓ أَقۡرَبُ مِن نَّفۡعِهِۦۚ لَبِئۡسَ ٱلۡمَوۡلَىٰ وَلَبِئۡسَ ٱلۡعَشِيرُ
Osu frε deε ne haw bεn kyεn ne mfasoͻ. Nokorε sε okyitaafoͻ bͻne ne ͻyͻnko bͻne paa ne no
Ayah 13إِنَّ ٱللَّهَ يُدۡخِلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ جَنَّٰتࣲ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَفۡعَلُ مَا يُرِيدُ
Nokorε sε Nyankopͻn de wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Nokorε sε, Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε
Ayah 14مَن كَانَ يَظُنُّ أَن لَّن يَنصُرَهُ ٱللَّهُ فِي ٱلدُّنۡيَا وَٱلۡأٓخِرَةِ فَلۡيَمۡدُدۡ بِسَبَبٍ إِلَى ٱلسَّمَآءِ ثُمَّ لۡيَقۡطَعۡ فَلۡيَنظُرۡ هَلۡ يُذۡهِبَنَّ كَيۡدُهُۥ مَا يَغِيظُ
Obi a ͻdwen sε Nyankopͻn mmoa (Nkͻmhyεni Muhammad) wͻ wiase ne Daakye no, ͻnfa kwan bi so ntenten nkͻpem soro, na ontwa (mmoa no) mu, afei ͻnhwε sε nepͻ a ͻbͻeε no betumi ayi deε nebo fuu ho no afri hͻ anaa
Ayah 15وَكَذَٰلِكَ أَنزَلۡنَٰهُ ءَايَٰتِۭ بَيِّنَٰتࣲ وَأَنَّ ٱللَّهَ يَهۡدِي مَن يُرِيدُ
Saa ara na Y’asiane nsεnkyerεnee pefee no, na nokorε sε Nyankopͻn kyerε obi a Ɔpε kwan
Ayah 16إِنَّ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَٱلَّذِينَ هَادُواْ وَٱلصَّٰبِـِٔينَ وَٱلنَّصَٰرَىٰ وَٱلۡمَجُوسَ وَٱلَّذِينَ أَشۡرَكُوٓاْ إِنَّ ٱللَّهَ يَفۡصِلُ بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِۚ إِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ كُلِّ شَيۡءࣲ شَهِيدٌ
Nokorε sε, wͻn a wͻ’agye adie no, ne wͻn a wͻ’yε Yudafoͻ ne Sabeanfoͻ ne Kristofoͻ ne Majusfoͻ, ne wᴐn a wayԑ Nyame ho mmataho no, nokorε sε Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn wͻ Wusͻreε da no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne biribiara ho Dansefoͻ
Ayah 17أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ يَسۡجُدُۤ لَهُۥۤ مَن فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَن فِي ٱلۡأَرۡضِ وَٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُ وَٱلنُّجُومُ وَٱلۡجِبَالُ وَٱلشَّجَرُ وَٱلدَّوَآبُّ وَكَثِيرࣱ مِّنَ ٱلنَّاسِۖ وَكَثِيرٌ حَقَّ عَلَيۡهِ ٱلۡعَذَابُۗ وَمَن يُهِنِ ٱللَّهُ فَمَا لَهُۥ مِن مُّكۡرِمٍۚ إِنَّ ٱللَّهَ يَفۡعَلُ مَا يَشَآءُ۩
Wonhunuu sε Nyankopͻn na nea εwͻ soro ne nea εwͻ asaase soͻ, ne awia ne bosome ne nsoromma ne mmepͻ ne nnua, ne mmoadoma ne nnipa no mu pii de wͻn anim butu fͻm ma no? (Nnipa no mu) pii nso asotwee no ayε nokorε atia wͻn. Obi a Nyankopͻn begu n’anim aseε no (saa nipa no) nnya animmonyam. Nokorε sε Nyankopͻn deε Ɔyε deε Ɔpε
Ayah 18۞هَٰذَانِ خَصۡمَانِ ٱخۡتَصَمُواْ فِي رَبِّهِمۡۖ فَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ قُطِّعَتۡ لَهُمۡ ثِيَابࣱ مِّن نَّارࣲ يُصَبُّ مِن فَوۡقِ رُءُوسِهِمُ ٱلۡحَمِيمُ
Woi nom (Agyidiefoͻ ne Kaafirfoͻ no yε) mansotwefoͻ mmienu a wͻ’retwe wͻn Wura Nyankopͻn ho manso. Enti wͻn a wͻ’yi boniayε no, y’atwa egyem atadeε ama wͻn. Ye’behwie nsuohyeε a ahuru paa agu wͻn tri so
Ayah 19يُصۡهَرُ بِهِۦ مَا فِي بُطُونِهِمۡ وَٱلۡجُلُودُ
Ɛbεma deε εwͻ wͻn yԑm ne wͻn honam mu no anane
Ayah 20وَلَهُم مَّقَٰمِعُ مِنۡ حَدِيدࣲ
Wͻn wͻ dadeε aporibaa (a yεde bεtwe wͻn aso)
Ayah 21كُلَّمَآ أَرَادُوٓاْ أَن يَخۡرُجُواْ مِنۡهَا مِنۡ غَمٍّ أُعِيدُواْ فِيهَا وَذُوقُواْ عَذَابَ ٱلۡحَرِيقِ
Ԑberε biara a wͻ’pε sε wͻ’fri emu ahoͻyaa (anaa emu haw) no mu no, na yasan aka wͻn kͻ mu, na (yaka akyerε wͻn sε): ”Monka ͻhyeε asotwee no nhwε
Ayah 22إِنَّ ٱللَّهَ يُدۡخِلُ ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ جَنَّٰتࣲ تَجۡرِي مِن تَحۡتِهَا ٱلۡأَنۡهَٰرُ يُحَلَّوۡنَ فِيهَا مِنۡ أَسَاوِرَ مِن ذَهَبࣲ وَلُؤۡلُؤࣰ اۖ وَلِبَاسُهُمۡ فِيهَا حَرِيرࣱ
Nyankopͻn de wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no bewura Aheman a nsubͻnten nenam aseε no mu. Yε’de sika kͻkͻͻ mpͻkoaa ne nhwene pa bεsiesie wͻn. Ntoma a wͻ’befira no wͻ hͻ ne kyeme ntoma (anaa serekye)
Ayah 23وَهُدُوٓاْ إِلَى ٱلطَّيِّبِ مِنَ ٱلۡقَوۡلِ وَهُدُوٓاْ إِلَىٰ صِرَٰطِ ٱلۡحَمِيدِ
Yε’kyerεε wͻn kwan kͻͻ asεm papa no mu (wͻ wiase ha), na yεkyerεε wͻn kwan kͻͻ (Otumfoͻ no a) Ayeyie fata no no kwan no so
Ayah 24إِنَّ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَيَصُدُّونَ عَن سَبِيلِ ٱللَّهِ وَٱلۡمَسۡجِدِ ٱلۡحَرَامِ ٱلَّذِي جَعَلۡنَٰهُ لِلنَّاسِ سَوَآءً ٱلۡعَٰكِفُ فِيهِ وَٱلۡبَادِۚ وَمَن يُرِدۡ فِيهِ بِإِلۡحَادِۭ بِظُلۡمࣲ نُّذِقۡهُ مِنۡ عَذَابٍ أَلِيمࣲ
Nokorε sε wͻn a wͻ’po nokorԑ, na wͻ’si (amanfoͻ) kwan fri Nyame kwan no soͻ, ne Nyamedan Kronkron a Ya’yεhͻ (nhyehyεε) pεpεεpε ama nnipa (nyinaa) ͻmani ne ͻhͻhoͻ; obi a n’adwen ne sε ͻbεyε bͻne wͻ hͻ no deԑ, Yε’bεma no aka asotwee yaaya no ahwε
Ayah 25وَإِذۡ بَوَّأۡنَا لِإِبۡرَٰهِيمَ مَكَانَ ٱلۡبَيۡتِ أَن لَّا تُشۡرِكۡ بِي شَيۡـࣰٔ ا وَطَهِّرۡ بَيۡتِيَ لِلطَّآئِفِينَ وَٱلۡقَآئِمِينَ وَٱلرُّكَّعِ ٱلسُّجُودِ
Kae εberε a Yε’kyerεε Abraham (Ka’aba) Fie no si berε no, (Yεka kyerεε no) sε: “Ɛmfa biribiara mmata Meho, na te Me Fie no ho ma wͻn a wͻ’twa ho hyia, na wͻ’gyina hͻ bͻ mpaeε, na wͻ’bͻ wͻn mu aseε de wͻn anim butu fͻm “
Ayah 26وَأَذِّن فِي ٱلنَّاسِ بِٱلۡحَجِّ يَأۡتُوكَ رِجَالࣰ ا وَعَلَىٰ كُلِّ ضَامِرࣲ يَأۡتِينَ مِن كُلِّ فَجٍّ عَمِيقࣲ
“Na bͻ Haji no ho dawuro kyerε amanfoͻ; nnipa nam wͻn nnan so, ne wͻn a wͻ’te yoma a wafͻn so bεba wo hͻ, wͻ’befri akyirikyiri baabiara aba “
Ayah 27لِّيَشۡهَدُواْ مَنَٰفِعَ لَهُمۡ وَيَذۡكُرُواْ ٱسۡمَ ٱللَّهِ فِيٓ أَيَّامࣲ مَّعۡلُومَٰتٍ عَلَىٰ مَا رَزَقَهُم مِّنۢ بَهِيمَةِ ٱلۡأَنۡعَٰمِۖ فَكُلُواْ مِنۡهَا وَأَطۡعِمُواْ ٱلۡبَآئِسَ ٱلۡفَقِيرَ
Sεdeε wͻ’bεba abεhwε deε εyε mfasoͻ ma wͻn, na wͻ’abͻ Nyankopͻn abodin wͻ nna a yahyε no mu wͻ deε Yε’de abͻ wͻn akͻnhoma no ho, a εyε nyεmmoa no. Na moni mu bi, na moma ohiani a neho akyere no no nso biribi ni
Ayah 28ثُمَّ لۡيَقۡضُواْ تَفَثَهُمۡ وَلۡيُوفُواْ نُذُورَهُمۡ وَلۡيَطَّوَّفُواْ بِٱلۡبَيۡتِ ٱلۡعَتِيقِ
Afei wͻ’nwie wͻn (Nyamesom) amaneε no, na wͻni wͻn bͻhyε so, na wͻntwa Tete Fie dadaa (Ka’ba) no ho nhyia
Ayah 29ذَٰلِكَۖ وَمَن يُعَظِّمۡ حُرُمَٰتِ ٱللَّهِ فَهُوَ خَيۡرࣱ لَّهُۥ عِندَ رَبِّهِۦۗ وَأُحِلَّتۡ لَكُمُ ٱلۡأَنۡعَٰمُ إِلَّا مَا يُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡۖ فَٱجۡتَنِبُواْ ٱلرِّجۡسَ مِنَ ٱلۡأَوۡثَٰنِ وَٱجۡتَنِبُواْ قَوۡلَ ٱلزُّورِ
Ɛno ne (Haji mu dwumadie no), na obi a ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn amaneε Kronkron no, εyε ma no wͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ. Mowͻ nyεmmoa no nso ho kwan, gyesε deε yakenkan akyerε mo no, enti montwe moho mfri abosom fii ho na montwe moho mfri atorͻsεm (anaasε adanse kurumuu) ho
Ayah 30حُنَفَآءَ لِلَّهِ غَيۡرَ مُشۡرِكِينَ بِهِۦۚ وَمَن يُشۡرِكۡ بِٱللَّهِ فَكَأَنَّمَا خَرَّ مِنَ ٱلسَّمَآءِ فَتَخۡطَفُهُ ٱلطَّيۡرُ أَوۡ تَهۡوِي بِهِ ٱلرِّيحُ فِي مَكَانࣲ سَحِيقࣲ
Montene moho nni nokorε ma Nyankopͻn; monhwε na moanfa biribiara ammata Neho. Obi a ͻyε Nyankopͻn ho mmataho no, ͻtesε obia ofri soro ate ahweε na nnomaa ahwim no kͻ, anaasε mframa abͻ no akͻto akyirikyiri baabi
Ayah 31ذَٰلِكَۖ وَمَن يُعَظِّمۡ شَعَٰٓئِرَ ٱللَّهِ فَإِنَّهَا مِن تَقۡوَى ٱلۡقُلُوبِ
Saa na εteε, obia ͻde obuo ne anidie bεma Nyankopͻn nsεnkyerεne deε no, nokorε sε efri akoma a εho teε anaa esuro Nyame mu
Ayah 32لَكُمۡ فِيهَا مَنَٰفِعُ إِلَىٰٓ أَجَلࣲ مُّسَمࣰّ ى ثُمَّ مَحِلُّهَآ إِلَى ٱلۡبَيۡتِ ٱلۡعَتِيقِ
Mowͻ mfasoͻ wͻ (nyεmmoa a mode bͻ afͻdeε no) so kosi εberε a yahyε; na n’afͻrebͻ-bea no ne Tete Fie dada no ho
Ayah 33وَلِكُلِّ أُمَّةࣲ جَعَلۡنَا مَنسَكࣰ ا لِّيَذۡكُرُواْ ٱسۡمَ ٱللَّهِ عَلَىٰ مَا رَزَقَهُم مِّنۢ بَهِيمَةِ ٱلۡأَنۡعَٰمِۗ فَإِلَٰهُكُمۡ إِلَٰهࣱ وَٰحِدࣱ فَلَهُۥٓ أَسۡلِمُواْۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُخۡبِتِينَ
Yε’hyehyεε (Nyamesom ho) amaneε maa ͻman biara, sεdeε wͻ’bεbͻ Nyankopͻn din wͻ nyεmmoa a Yε’de abͻ wͻn akͻnhoma no ho. Mo Nyankopͻn no Ɔyε Awurade baako, enti Ɔno na momerε moho ase mfa ma no. Enti fa (Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ no ma ahobraseεfoͻ no
Ayah 34ٱلَّذِينَ إِذَا ذُكِرَ ٱللَّهُ وَجِلَتۡ قُلُوبُهُمۡ وَٱلصَّٰبِرِينَ عَلَىٰ مَآ أَصَابَهُمۡ وَٱلۡمُقِيمِي ٱلصَّلَوٰةِ وَمِمَّا رَزَقۡنَٰهُمۡ يُنفِقُونَ
Wͻn a sε yεbͻ Nyankopͻn din a wͻn akoma bͻ binim no, ne wͻn a wͻnya aboterε wͻ ͻhaw bi a ato wͻn no ho, ne wͻn a wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na deε Yε’de abᴐ wͻn akᴐnhoma no wͻ’yi mu bi dema
Ayah 35وَٱلۡبُدۡنَ جَعَلۡنَٰهَا لَكُم مِّن شَعَٰٓئِرِ ٱللَّهِ لَكُمۡ فِيهَا خَيۡرࣱۖ فَٱذۡكُرُواْ ٱسۡمَ ٱللَّهِ عَلَيۡهَا صَوَآفَّۖ فَإِذَا وَجَبَتۡ جُنُوبُهَا فَكُلُواْ مِنۡهَا وَأَطۡعِمُواْ ٱلۡقَانِعَ وَٱلۡمُعۡتَرَّۚ كَذَٰلِكَ سَخَّرۡنَٰهَا لَكُمۡ لَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Nyoma (a yεde wͻn bͻ afͻdeε no) nso Y’ayε wͻn sε Nyankopͻn nsεnkyerεnee deε ama mo; adepa wͻ wͻn mu ma mo. Enti momͻ Nyankopͻn din ngu wͻn so wͻ εberε a moato wͻn santen (na mode wͻn rebͻ afͻdeε no). Sε wͻ’tͻ wͻn nkyεn mu a moni bi, na monfa bi mmͻ ohiani a n’ani sͻ deε ͻwͻ na ͻnsrε adeε, ne nea ͻsrε adeε no akͻnhoma. Saa na Y’abrε (nyεmmoa no) ase ama mo sεdeε mobeyi ayε
Ayah 36لَن يَنَالَ ٱللَّهَ لُحُومُهَا وَلَا دِمَآؤُهَا وَلَٰكِن يَنَالُهُ ٱلتَّقۡوَىٰ مِنكُمۡۚ كَذَٰلِكَ سَخَّرَهَا لَكُمۡ لِتُكَبِّرُواْ ٱللَّهَ عَلَىٰ مَا هَدَىٰكُمۡۗ وَبَشِّرِ ٱلۡمُحۡسِنِينَ
Wͻn nnam anaasε wͻn mogyaa no nnuru Nyankopͻn hͻ, na mmom Nyame-suro a efri mohͻ na eduru Nehͻ. Saa na W’abrε (mmoa) no ase ama mo sεdeε mode Nyankopͻn Kεseyε bεma no wͻ kwan a W’akyerε mo no so. Fa Aheman no mu) anigyesεm no ho bͻhyԑ ma apapafoͻ no
Ayah 37۞إِنَّ ٱللَّهَ يُدَٰفِعُ عَنِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْۗ إِنَّ ٱللَّهَ لَا يُحِبُّ كُلَّ خَوَّانࣲ كَفُورٍ
Nokorε sε Nyankopͻn bͻ wͻn a wͻ’agye adie no ho ban. Nokorε sε Nyankopͻn mpε (onipa) biara a odi hwammͻ, na wͻ’yε boniayεni no asεm
Ayah 38أُذِنَ لِلَّذِينَ يُقَٰتَلُونَ بِأَنَّهُمۡ ظُلِمُواْۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ عَلَىٰ نَصۡرِهِمۡ لَقَدِيرٌ
Yԑma (ᴐsa tuo) ho kwan ma wͻn a yatu wͻn so sa no, efiri sε yasisi wͻn. Nokorε sε, Nyankopͻn wͻ tumi sε Ɔboa wͻn
Ayah 39ٱلَّذِينَ أُخۡرِجُواْ مِن دِيَٰرِهِم بِغَيۡرِ حَقٍّ إِلَّآ أَن يَقُولُواْ رَبُّنَا ٱللَّهُۗ وَلَوۡلَا دَفۡعُ ٱللَّهِ ٱلنَّاسَ بَعۡضَهُم بِبَعۡضࣲ لَّهُدِّمَتۡ صَوَٰمِعُ وَبِيَعࣱ وَصَلَوَٰتࣱ وَمَسَٰجِدُ يُذۡكَرُ فِيهَا ٱسۡمُ ٱللَّهِ كَثِيرࣰ اۗ وَلَيَنصُرَنَّ ٱللَّهُ مَن يَنصُرُهُۥٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَقَوِيٌّ عَزِيزٌ
(Wͻ’ne) wͻn a ya’tu wͻn afri wͻn afie mu a enni ho kwan sε εba saa, εnam sε wͻn aka sε: “Yε’Wura ne Nyankopͻn nti”. Sε Nyankopͻn amfa nnipa no bi ammͻ wͻn ho-wͻn-ho ban a, nokorε sε anka Nyame somfoͻ fekuo fie ne asͻredan ne ahyiadan ne Nyame-dan a yεkae Nyankopͻn din wͻ mu keseε no (nyinaa) abubu agu. Nokorε sε Nyankopͻn bεboa nea Ɔboa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne ͻhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε
Ayah 40ٱلَّذِينَ إِن مَّكَّنَّٰهُمۡ فِي ٱلۡأَرۡضِ أَقَامُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتَوُاْ ٱلزَّكَوٰةَ وَأَمَرُواْ بِٱلۡمَعۡرُوفِ وَنَهَوۡاْ عَنِ ٱلۡمُنكَرِۗ وَلِلَّهِ عَٰقِبَةُ ٱلۡأُمُورِ
(Wͻn a wͻ’fata Nyankopͻn mmoa no ne): Wͻn a sε Yε’ma wͻn tumi wͻ asaase no so a, wͻ’frε Nyame wͻ ne berε mu, na wͻ’yi Zaka, na wͻ’hyε (amanfoͻ) ma wͻ’di dwuma pa, na wͻ’bra (amanfoͻ) amumuyε. Nyankopͻn hͻ na dwumadie biara awieε kowie
Ayah 41وَإِن يُكَذِّبُوكَ فَقَدۡ كَذَّبَتۡ قَبۡلَهُمۡ قَوۡمُ نُوحࣲ وَعَادࣱ وَثَمُودُ
Sε wͻ’bu wo ͻtorofoͻ a, Noa nkorͻfoͻ ne Aadfoͻ ne Samuudfoͻ dii w’anim kan buu (wͻn Asomafoͻ) no atorofoɔ
Ayah 42وَقَوۡمُ إِبۡرَٰهِيمَ وَقَوۡمُ لُوطࣲ
Abraham nkorͻfoͻ ne Lot nkorͻfoͻ no (nso saa ara)
Ayah 43وَأَصۡحَٰبُ مَدۡيَنَۖ وَكُذِّبَ مُوسَىٰۖ فَأَمۡلَيۡتُ لِلۡكَٰفِرِينَ ثُمَّ أَخَذۡتُهُمۡۖ فَكَيۡفَ كَانَ نَكِيرِ
Ne Madiyanfoͻ nso; εna Mose nso yebuu no ͻtorofoͻ. Nanso Memaa boniayεfoͻ no berε, ansa na Meresͻ wͻn mu, na sεdeε M’asotwee (huu) siteε
Ayah 44فَكَأَيِّن مِّن قَرۡيَةٍ أَهۡلَكۡنَٰهَا وَهِيَ ظَالِمَةࣱ فَهِيَ خَاوِيَةٌ عَلَىٰ عُرُوشِهَا وَبِئۡرࣲ مُّعَطَّلَةࣲ وَقَصۡرࣲ مَّشِيدٍ
Nkuro pii na wͻ’dii bͻne nti Yε’sεee wͻn, enti efri nepadeε so sεe koraa. Na nsubura sεn, ne adampa anaa abansoroͻ akεseε sεn na εdedaa mpan
Ayah 45أَفَلَمۡ يَسِيرُواْ فِي ٱلۡأَرۡضِ فَتَكُونَ لَهُمۡ قُلُوبࣱ يَعۡقِلُونَ بِهَآ أَوۡ ءَاذَانࣱ يَسۡمَعُونَ بِهَاۖ فَإِنَّهَا لَا تَعۡمَى ٱلۡأَبۡصَٰرُ وَلَٰكِن تَعۡمَى ٱلۡقُلُوبُ ٱلَّتِي فِي ٱلصُّدُورِ
Enti wͻ’nntu kwan wͻ nsaase no so (nhwε deε εtoo adikanfoͻ no a wͻ’yεε asoͻden no), sεdeε wͻ’benya akoma a εte asεm aseε, ne aso a, yεde tie asεm? Nokorε, εnyε ani no na afira na mmom akoma a εwͻ kokoͻ no mu no na n’ani afira
Ayah 46وَيَسۡتَعۡجِلُونَكَ بِٱلۡعَذَابِ وَلَن يُخۡلِفَ ٱللَّهُ وَعۡدَهُۥۚ وَإِنَّ يَوۡمًا عِندَ رَبِّكَ كَأَلۡفِ سَنَةࣲ مِّمَّا تَعُدُّونَ
(Nkͻmhyεni), wͻ’repre ho sε ma asotwee no mmra ntεm. Onyankopͻn deε Ommu Nebͻhyε so. Nokorε sε dakoro a εwͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ no tesε mfie apem sεdeε mobu moakontaa no
Ayah 47وَكَأَيِّن مِّن قَرۡيَةٍ أَمۡلَيۡتُ لَهَا وَهِيَ ظَالِمَةࣱ ثُمَّ أَخَذۡتُهَا وَإِلَيَّ ٱلۡمَصِيرُ
Nkuro pii na wͻ’dii bͻne, nanso Memaa wͻn berε. Akyire no Mesͻͻ wͻn mu. Na Mehͻ ne (obiara) nkyi
Ayah 48قُلۡ يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ إِنَّمَآ أَنَا۠ لَكُمۡ نَذِيرࣱ مُّبِينࣱ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Adasamma, nokorε sε medeε meyε kͻkͻbͻni pefee ma mo”
Ayah 49فَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ لَهُم مَّغۡفِرَةࣱ وَرِزۡقࣱ كَرِيمࣱ
Enti wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’di dwuma pa no, wͻn wͻ bͻnefakyε ne akyεdeε a animuonyam wͻ mu
Ayah 50وَٱلَّذِينَ سَعَوۡاْ فِيٓ ءَايَٰتِنَا مُعَٰجِزِينَ أُوْلَٰٓئِكَ أَصۡحَٰبُ ٱلۡجَحِيمِ
Na wͻn a wͻ’bͻ mmͻden ko tia Yεn Nsεm sεdeε wͻ’bεma no ayε kwa no, saa nkorͻfoͻ no ne Amane hunu gya no mu foͻ no
Ayah 51وَمَآ أَرۡسَلۡنَا مِن قَبۡلِكَ مِن رَّسُولࣲ وَلَا نَبِيٍّ إِلَّآ إِذَا تَمَنَّىٰٓ أَلۡقَى ٱلشَّيۡطَٰنُ فِيٓ أُمۡنِيَّتِهِۦ فَيَنسَخُ ٱللَّهُ مَا يُلۡقِي ٱلشَّيۡطَٰنُ ثُمَّ يُحۡكِمُ ٱللَّهُ ءَايَٰتِهِۦۗ وَٱللَّهُ عَلِيمٌ حَكِيمࣱ
Ɔsomafoͻ anaasε nkͻmhyεni biara a Yε’somaa no dii w’anim kan no, sε ᴐka asεm no a, gyesε ͻbonsam de (nkontompo) hyε n’asεm a waka no mu, nanso Nyankopͻn pepa deε ͻbonsam de ahyε mu no, na Nyankopͻn ama N’asεm no agyina. Na Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔno ara nso ne Onyansafoͻ
Ayah 52لِّيَجۡعَلَ مَا يُلۡقِي ٱلشَّيۡطَٰنُ فِتۡنَةࣰ لِّلَّذِينَ فِي قُلُوبِهِم مَّرَضࣱ وَٱلۡقَاسِيَةِ قُلُوبُهُمۡۗ وَإِنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ لَفِي شِقَاقِۭ بَعِيدࣲ
Sεdeε Nyankopͻn de deε ͻbonsam de abεhyε mu no bεyε nsͻhwε ama wͻn a yadeε wͻ wͻn akoma mu no, ne akomadenfoͻ no. Nokorε sε abͻneεfoͻ no wͻ ͻkotia mu dendeenden paa
Ayah 53وَلِيَعۡلَمَ ٱلَّذِينَ أُوتُواْ ٱلۡعِلۡمَ أَنَّهُ ٱلۡحَقُّ مِن رَّبِّكَ فَيُؤۡمِنُواْ بِهِۦ فَتُخۡبِتَ لَهُۥ قُلُوبُهُمۡۗ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَهَادِ ٱلَّذِينَ ءَامَنُوٓاْ إِلَىٰ صِرَٰطࣲ مُّسۡتَقِيمࣲ
Sεdeε wͻn a yama wͻn nimdeε no nso behunu sε (Qur’aan) ne Nokorε a efri wo Wura Nyankopͻn hͻ, na wͻ’bεgye adie na wͻ’bεbrε wͻn akoma ase de ama. Nokorε sε Nyankopͻn ne agyidiefoͻ no Kwankyerεfoͻ (a Ͻkyerε wͻn kwan) kͻ ͻkwan tenenee no soͻ
Ayah 54وَلَا يَزَالُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ فِي مِرۡيَةࣲ مِّنۡهُ حَتَّىٰ تَأۡتِيَهُمُ ٱلسَّاعَةُ بَغۡتَةً أَوۡ يَأۡتِيَهُمۡ عَذَابُ يَوۡمٍ عَقِيمٍ
Wͻn a wͻ’nnye nnie no nyaee (wͻn adwen a) ensipi wͻ (Qur’aan) ho no, kͻpem sε Dͻnhwere no bεba wͻn so mpofire mu, anaasε asotwe bi bεba wͻn so wͻ Dabͻne bi mu
Ayah 55ٱلۡمُلۡكُ يَوۡمَئِذࣲ لِّلَّهِ يَحۡكُمُ بَيۡنَهُمۡۚ فَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فِي جَنَّٰتِ ٱلنَّعِيمِ
Saa Da no Ahennie no wͻ Nyankopͻn. Obebu wͻn ntεm atεn. Enti wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’redi dwuma pa no wͻ Anigyeε Aheman no mu
Ayah 56وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ وَكَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا فَأُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابࣱ مُّهِينࣱ
Na wͻn a wͻ’yi boniayε na wͻ’bu Yεn Nsεm no atorͻsεm no, saa nkorͻfoͻ no na animguaseε asotwee no bεyε wͻn dea
Ayah 57وَٱلَّذِينَ هَاجَرُواْ فِي سَبِيلِ ٱللَّهِ ثُمَّ قُتِلُوٓاْ أَوۡ مَاتُواْ لَيَرۡزُقَنَّهُمُ ٱللَّهُ رِزۡقًا حَسَنࣰ اۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَهُوَ خَيۡرُ ٱلرَّٰزِقِينَ
Wͻn a wͻ’tuu amantuo wͻ Nyankopͻn kwan soͻ, na yekum wͻn anaasε wͻ’wuiε no, ampa sε Nyankopͻn bεkyε wͻn akyεdeε pa. Nokorε sε Nyankopͻn na N’adekyεε yε kyεn wͻn a wͻ’kyε adeε (nyinaa)
Ayah 58لَيُدۡخِلَنَّهُم مُّدۡخَلࣰ ا يَرۡضَوۡنَهُۥۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَعَلِيمٌ حَلِيمࣱ
Nokorε sε Ɔbεma wͻn awura bea a wͻn ani bεgye ho paa, na nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ a Onim biribiara, na Ɔne Ntoboaseε Hene
Ayah 59۞ذَٰلِكَۖ وَمَنۡ عَاقَبَ بِمِثۡلِ مَا عُوقِبَ بِهِۦ ثُمَّ بُغِيَ عَلَيۡهِ لَيَنصُرَنَّهُ ٱللَّهُۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَعَفُوٌّ غَفُورࣱ
Saa na εteε. Obia ͻde aniεyaade a yεde ahyε no no sεso betua obi so ka, na afei yεbedi no amim no, nokorε sε Nyankopͻn bεboa no. Nokorε sε Nyankopͻn ne bͻne fafiri Hene, na Ɔne Bͻnefakyε Hene
Ayah 60ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ يُولِجُ ٱلَّيۡلَ فِي ٱلنَّهَارِ وَيُولِجُ ٱلنَّهَارَ فِي ٱلَّيۡلِ وَأَنَّ ٱللَّهَ سَمِيعُۢ بَصِيرࣱ
Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ma adesaeε wura adekyeε mu, εna Ɔma adekyeε nso wura adesaeε mu, na nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ɔno ara nso na Ohunu biribiara
Ayah 61ذَٰلِكَ بِأَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡحَقُّ وَأَنَّ مَا يَدۡعُونَ مِن دُونِهِۦ هُوَ ٱلۡبَٰطِلُ وَأَنَّ ٱللَّهَ هُوَ ٱلۡعَلِيُّ ٱلۡكَبِيرُ
Saa na εteε, efrisε Nyankopͻn ne Nokorε no, na deε wͻ’fri N’akyi su frε wͻn no (nyinaa) yε nkontompo, nokorε nso sε, Nyankopͻn ne Okokuroko no, na Ɔno ara nso ne Ɔkεseε no
Ayah 62أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ أَنزَلَ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مَآءࣰ فَتُصۡبِحُ ٱلۡأَرۡضُ مُخۡضَرَّةًۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَطِيفٌ خَبِيرࣱ
Wonhunuu sε Nyankopͻn siane nsuo fri soro dema asaase yε frͻmfrͻm? Nokorε sε Nyankopͻn yε Onitefo, Ɔne Amanebͻfoͻ
Ayah 63لَّهُۥ مَا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِۚ وَإِنَّ ٱللَّهَ لَهُوَ ٱلۡغَنِيُّ ٱلۡحَمِيدُ
Adeε a εwͻ soro ne adeε a εwͻ asaase so (nyinaa) yε Nedea. Nokorε sε Nyankopͻn ne (Otumfoͻ a) W’anya Neho a Onhia obiara biribiara, na Ɔno ne Ayeyie Wura no
Ayah 64أَلَمۡ تَرَ أَنَّ ٱللَّهَ سَخَّرَ لَكُم مَّا فِي ٱلۡأَرۡضِ وَٱلۡفُلۡكَ تَجۡرِي فِي ٱلۡبَحۡرِ بِأَمۡرِهِۦ وَيُمۡسِكُ ٱلسَّمَآءَ أَن تَقَعَ عَلَى ٱلۡأَرۡضِ إِلَّا بِإِذۡنِهِۦٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ بِٱلنَّاسِ لَرَءُوفࣱ رَّحِيمࣱ
Wonhunuu sε, Nyankopͻn abrε deε εwͻ asaase so nyinaa ase ama mo, εne nsuom hyεn a εnam ͻpo so wͻ Na’hyεdeε mu? Ɛna W’asͻ ͻsoro mu sεdeε εnte mmεhwe asaase no soͻ, gyesε N’akwamma mu. Nokorε sε Nyankopͻn yε Mmͻborͻhunufoͻ dema adasamma, na Ɔne Ɔdεεfoͻ Hene
Ayah 65وَهُوَ ٱلَّذِيٓ أَحۡيَاكُمۡ ثُمَّ يُمِيتُكُمۡ ثُمَّ يُحۡيِيكُمۡۗ إِنَّ ٱلۡإِنسَٰنَ لَكَفُورࣱ
Ɔno na Ɔde mo baa nkwa mu, εna Ɔbεsan ama mo awuo, na W’asan ama mo nkwa. Nokorε sε Onipa yε boniayεfoͻ
Ayah 66لِّكُلِّ أُمَّةࣲ جَعَلۡنَا مَنسَكًا هُمۡ نَاسِكُوهُۖ فَلَا يُنَٰزِعُنَّكَ فِي ٱلۡأَمۡرِۚ وَٱدۡعُ إِلَىٰ رَبِّكَۖ إِنَّكَ لَعَلَىٰ هُدࣰ ى مُّسۡتَقِيمࣲ
Yε’maa ͻman biara Nyamesom ho amaneε a na wͻ’nam so (som), enti (abosomsomfoͻ no) nhwε na wͻ’annye wo akyinnye wͻ dwumadie no ho. Na frε (amanfoͻ) kͻ wo Wura Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε wowͻ ͻkwan tenenee paa so
Ayah 67وَإِن جَٰدَلُوكَ فَقُلِ ٱللَّهُ أَعۡلَمُ بِمَا تَعۡمَلُونَ
Sε wͻ’gye wo akyinnye (wͻ mmoa kum no ho) a, ka sε: ”Nyankopͻn Nim dwuma a modie (nyinaa) “
Ayah 68ٱللَّهُ يَحۡكُمُ بَيۡنَكُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كُنتُمۡ فِيهِ تَخۡتَلِفُونَ
Nyankopͻn bebu montεm atεn wͻ Wusͻreε da no wͻ deε mogye ho akyinnyeε no ho
Ayah 69أَلَمۡ تَعۡلَمۡ أَنَّ ٱللَّهَ يَعۡلَمُ مَا فِي ٱلسَّمَآءِ وَٱلۡأَرۡضِۚ إِنَّ ذَٰلِكَ فِي كِتَٰبٍۚ إِنَّ ذَٰلِكَ عَلَى ٱللَّهِ يَسِيرࣱ
Enti wonnnim sε, Nyankopͻn Nim deε εwͻ soro ne asaase soͻ? Nokorε sε woi (nyinaa) wͻ Nwoma no mu. Nokorε sε εno deε εyε mmrε ma Nyankopͻn
Ayah 70وَيَعۡبُدُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ مَا لَمۡ يُنَزِّلۡ بِهِۦ سُلۡطَٰنࣰ ا وَمَا لَيۡسَ لَهُم بِهِۦ عِلۡمࣱۗ وَمَا لِلظَّٰلِمِينَ مِن نَّصِيرࣲ
Wͻ’fri Nyankopͻn akyi som deε yensianee εhoo nyinasoͻ anaasε tumi biara mmaeε, na wͻ’nni ho nimdeε nso. Abͻneεfoͻ no deε wͻ’nni boafoͻ
Ayah 71وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُنَا بَيِّنَٰتࣲ تَعۡرِفُ فِي وُجُوهِ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْ ٱلۡمُنكَرَۖ يَكَادُونَ يَسۡطُونَ بِٱلَّذِينَ يَتۡلُونَ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتِنَاۗ قُلۡ أَفَأُنَبِّئُكُم بِشَرࣲّ مِّن ذَٰلِكُمُۚ ٱلنَّارُ وَعَدَهَا ٱللَّهُ ٱلَّذِينَ كَفَرُواْۖ وَبِئۡسَ ٱلۡمَصِيرُ
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, wobehunu no wͻ wͻn a wͻ’nnye nnie no anim sε wͻ’mpε, aka kakraabi sε wato ahyε wͻn a wͻ’rekenkan Yεn Nsεm kyerε wͻn no so. (Nkͻmhyεni), kasε: “Menkyerε mo deε εyε bͻne kyεn woi?” Amanehunu gya no a Nyankopͻn ahyε ho bͻ akyerε wͻn a woyi boniayε no. (Saa bea no) yε nkyi bͻne paa
Ayah 72يَٰٓأَيُّهَا ٱلنَّاسُ ضُرِبَ مَثَلࣱ فَٱسۡتَمِعُواْ لَهُۥٓۚ إِنَّ ٱلَّذِينَ تَدۡعُونَ مِن دُونِ ٱللَّهِ لَن يَخۡلُقُواْ ذُبَابࣰ ا وَلَوِ ٱجۡتَمَعُواْ لَهُۥۖ وَإِن يَسۡلُبۡهُمُ ٱلذُّبَابُ شَيۡـࣰٔ ا لَّا يَسۡتَنقِذُوهُ مِنۡهُۚ ضَعُفَ ٱلطَّالِبُ وَٱلۡمَطۡلُوبُ
Adasamma, yεreyε mfatoho bi enti montie: “Nokorε sε, wͻn a mofri Nyankopͻn akyi su frε wͻn no ntumi mmͻ nwansena, sε wͻn nyinaa boa wͻn ho ano mpo (sε wͻ’bεbͻ nwansena) a. Na sε nwansena hwim wͻn hͻ biribi nso a, wͻ’ntumi nye mfri ne hͻ. Nea ᴐrehwehwԑ, ne nea yԑrehwehwԑ afri nehᴐ no nyinaa nni ahoͻden
Ayah 73مَا قَدَرُواْ ٱللَّهَ حَقَّ قَدۡرِهِۦٓۚ إِنَّ ٱللَّهَ لَقَوِيٌّ عَزِيزٌ
Wͻ’nnfa obuo mma Nyankopͻn sεdeε εfata sε wͻ’de obuo ma no no. Nokorε sε, Nyankopͻn ne Ɔhoͻdenfoͻ, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε
Ayah 74ٱللَّهُ يَصۡطَفِي مِنَ ٱلۡمَلَٰٓئِكَةِ رُسُلࣰ ا وَمِنَ ٱلنَّاسِۚ إِنَّ ٱللَّهَ سَمِيعُۢ بَصِيرࣱ
Nyankopͻn yi asomafoͻ fri Soro abͻfoͻ mu, εna nnipa mu nso (saa ara). Nokorε sε Nyankopͻn na Ɔte biribiara, na Ohunu biribiara
Ayah 75يَعۡلَمُ مَا بَيۡنَ أَيۡدِيهِمۡ وَمَا خَلۡفَهُمۡۚ وَإِلَى ٱللَّهِ تُرۡجَعُ ٱلۡأُمُورُ
Onim deε εda wͻn anim ne deε εda wͻn akyi. Nyakopͻn hͻ na dwumadie nyinaa san kowie
Ayah 76يَٰٓأَيُّهَا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ ٱرۡكَعُواْ وَٱسۡجُدُواْۤ وَٱعۡبُدُواْ رَبَّكُمۡ وَٱفۡعَلُواْ ٱلۡخَيۡرَ لَعَلَّكُمۡ تُفۡلِحُونَ۩
Mo a moagye adie, momͻ momu ase, na monfa moanim mmutu fͻm, na monsom mo Wura Nyankopͻn, na monyε papa sεdeε mobedi nkonim
Ayah 77وَجَٰهِدُواْ فِي ٱللَّهِ حَقَّ جِهَادِهِۦۚ هُوَ ٱجۡتَبَىٰكُمۡ وَمَا جَعَلَ عَلَيۡكُمۡ فِي ٱلدِّينِ مِنۡ حَرَجࣲۚ مِّلَّةَ أَبِيكُمۡ إِبۡرَٰهِيمَۚ هُوَ سَمَّىٰكُمُ ٱلۡمُسۡلِمِينَ مِن قَبۡلُ وَفِي هَٰذَا لِيَكُونَ ٱلرَّسُولُ شَهِيدًا عَلَيۡكُمۡ وَتَكُونُواْ شُهَدَآءَ عَلَى ٱلنَّاسِۚ فَأَقِيمُواْ ٱلصَّلَوٰةَ وَءَاتُواْ ٱلزَّكَوٰةَ وَٱعۡتَصِمُواْ بِٱللَّهِ هُوَ مَوۡلَىٰكُمۡۖ فَنِعۡمَ ٱلۡمَوۡلَىٰ وَنِعۡمَ ٱلنَّصِيرُ
Na momͻ Nyankopͻn ho mmͻden biara a εfata sε mobͻ fa Neho. Ɔno na Wͻ’ayi mo asihͻ, Ɔnfaa adesoa biara (a ԑyԑ den) nsoaa mo wͻ Nyamesom no mu. Moagya Abraham som no ara ne no. Ɛyε Ɔno (Nyankopͻn) na Ɔtoo mo din sε Muslimifoͻ dadaada (wͻ Nwoma edii kan no mu) εna (Qur’aan) woi mu nso, sεdeε Ɔsomafoͻ no bedi mo ho adanseε, na monso moadi nnipa no ho adanseε. Enti monfrε Nyame wͻ neberε mu na monyi Zaka, na monsᴐ Nyankopͻn mu dendeenden. Ɔno ne mo Kyitaafoͻ, Okyitaafoͻ papa ne no, na Ɔne Ɔboafoͻ papa no
Ayah 78