Surah Al-Insaan — Man
Surah Al-Insaan (Man) is chapter 76 of the Quran, with 31 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.
هَلۡ أَتَىٰ عَلَى ٱلۡإِنسَٰنِ حِينࣱ مِّنَ ٱلدَّهۡرِ لَمۡ يَكُن شَيۡـࣰٔ ا مَّذۡكُورًا
Nokorε sε εberε bi baa onipa so a, na ͻnnyε biribi a yεbͻ din
Ayah 1إِنَّا خَلَقۡنَا ٱلۡإِنسَٰنَ مِن نُّطۡفَةٍ أَمۡشَاجࣲ نَّبۡتَلِيهِ فَجَعَلۡنَٰهُ سَمِيعَۢا بَصِيرًا
Nokorε sε, Yε’bͻͻ onipa firi (ͻbarima ne ͻbaa) ahobae a adi afra mu sε yε’resͻ no ahwε, enti Y’ama no aso ne ani
Ayah 2إِنَّا هَدَيۡنَٰهُ ٱلسَّبِيلَ إِمَّا شَاكِرࣰ ا وَإِمَّا كَفُورًا
Nokorԑ sε, Y’akyerε no ͻkwan no;- Deε ͻfa so a obeyi (Nyankopͻn) ayε anaa deε ͻfa so a obeyi (Nyankopͻn) boneayε
Ayah 3إِنَّآ أَعۡتَدۡنَا لِلۡكَٰفِرِينَ سَلَٰسِلَاْ وَأَغۡلَٰلࣰ ا وَسَعِيرًا
Nokorε sε, Y’asiesie dadeԑ nkͻnsͻnkͻnsͻn ne dadewεnfoͻ ne Amanehunu gya ato hͻ ama (Kaafirfoͻ) boneayεfoͻ no
Ayah 4إِنَّ ٱلۡأَبۡرَارَ يَشۡرَبُونَ مِن كَأۡسࣲ كَانَ مِزَاجُهَا كَافُورًا
Ampa sε, apapafoͻ no bεnom kuruwa bi mu a, (emu nsuo no) deε yε’de afra ne ‘Kaafuur’ anaasε Kamfa
Ayah 5عَيۡنࣰ ا يَشۡرَبُ بِهَا عِبَادُ ٱللَّهِ يُفَجِّرُونَهَا تَفۡجِيرࣰ ا
Ɛyε asutire bi a Nyankopͻn nkoa no bεnom mu (nsuo), na εbεtene abu so
Ayah 6يُوفُونَ بِٱلنَّذۡرِ وَيَخَافُونَ يَوۡمࣰ ا كَانَ شَرُّهُۥ مُسۡتَطِيرࣰ ا
(Saa apapafoͻ no ne wͻn a) wͻ’di wͻn bͻhyε soͻ, san suro Ɛda no a, emu bͻne trε kͻ akyirikyiri no
Ayah 7وَيُطۡعِمُونَ ٱلطَّعَامَ عَلَىٰ حُبِّهِۦ مِسۡكِينࣰ ا وَيَتِيمࣰ ا وَأَسِيرًا
Na wͻ’ma ohiani ne awisiaa ne deduani aduane di, εnam Nyankopͻn ho dͻ nti
Ayah 8إِنَّمَا نُطۡعِمُكُمۡ لِوَجۡهِ ٱللَّهِ لَا نُرِيدُ مِنكُمۡ جَزَآءࣰ وَلَا شُكُورًا
(Deε wͻ’ka ne sε): Yε’deε yεrema mo aduane adi de ahwehwε Nyankopͻn hͻ animuonyam; yε’nhwehwε akatua anaa aseda bi wͻ mo hͻ
Ayah 9إِنَّا نَخَافُ مِن رَّبِّنَا يَوۡمًا عَبُوسࣰ ا قَمۡطَرِيرࣰ ا
Efirisε, ye’suro muna ne ahokyerε Da kεseε a efri yεn Wura Nyankopͻn hͻ no
Ayah 10فَوَقَىٰهُمُ ٱللَّهُ شَرَّ ذَٰلِكَ ٱلۡيَوۡمِ وَلَقَّىٰهُمۡ نَضۡرَةࣰ وَسُرُورࣰ ا
Enti Onyankopͻn beyi wͻn afri saa Da no bͻne mu, ama wͻn ahyia anigyeε ne ahosεpε
Ayah 11وَجَزَىٰهُم بِمَا صَبَرُواْ جَنَّةࣰ وَحَرِيرࣰ ا
Aboterε a wͻ’nyaaeε no ho nti, Ɔde Aheman ne serekye (anaa kyeme) ntoma betua wͻn ka
Ayah 12مُّتَّكِـِٔينَ فِيهَا عَلَى ٱلۡأَرَآئِكِۖ لَا يَرَوۡنَ فِيهَا شَمۡسࣰ ا وَلَا زَمۡهَرِيرࣰ ا
Wͻ’bεgyegye ada mu wͻ Ahennwa so wͻ (Aheman no) mu; wͻ’nnhunu awia (hyew) anaasε awͻ a ano yε den wͻ hͻ
Ayah 13وَدَانِيَةً عَلَيۡهِمۡ ظِلَٰلُهَا وَذُلِّلَتۡ قُطُوفُهَا تَذۡلِيلࣰ ا
(Aheman no mu nnua no) nyunu no bεbεn akata wͻn so, na emu nnuaba no nso bεbεn wͻn paa (ama neteε ayε mmrε ama wͻn)
Ayah 14وَيُطَافُ عَلَيۡهِم بِـَٔانِيَةࣲ مِّن فِضَّةࣲ وَأَكۡوَابࣲ كَانَتۡ قَوَارِيرَا۠
Nkuruwa bi nso a εyε dwetε, ne senya nkuruwa betwa wͻn ho ahyia
Ayah 15قَوَارِيرَاْ مِن فِضَّةࣲ قَدَّرُوهَا تَقۡدِيرࣰ ا
Senya nkruwaa a εhyerεn tesε dwetε. Y’asusu no pεpεεpε (sεdeε wͻ’pε no)
Ayah 16وَيُسۡقَوۡنَ فِيهَا كَأۡسࣰ ا كَانَ مِزَاجُهَا زَنجَبِيلًا
Yε’bεma wͻn asan anom kuruwa bi a, (emu nsuo no) afradeε yε ‘Zanjabiil’ wͻ (Aheman no) mu
Ayah 17عَيۡنࣰ ا فِيهَا تُسَمَّىٰ سَلۡسَبِيلࣰ ا
Asutire bi wͻ (Aheman no) mu, yεfrε no ‘Salsabiil’
Ayah 18۞وَيَطُوفُ عَلَيۡهِمۡ وِلۡدَٰنࣱ مُّخَلَّدُونَ إِذَا رَأَيۡتَهُمۡ حَسِبۡتَهُمۡ لُؤۡلُؤࣰ ا مَّنثُورࣰ ا
Mmeranteε a wͻn mfie no tesε deε εteε daa bedi wͻn ho akͻneaba (asom wͻn); sε wohu (saa mmeranteε) no a wobεka sε nhwene pa bi a y’ato apetee
Ayah 19وَإِذَا رَأَيۡتَ ثَمَّ رَأَيۡتَ نَعِيمࣰ ا وَمُلۡكࣰ ا كَبِيرًا
Na sε wohwε (Aheman no mu) a, εhͻ na wohunu anigyeε ne Ahennie kεseε
Ayah 20عَٰلِيَهُمۡ ثِيَابُ سُندُسٍ خُضۡرࣱ وَإِسۡتَبۡرَقࣱۖ وَحُلُّوٓاْ أَسَاوِرَ مِن فِضَّةࣲ وَسَقَىٰهُمۡ رَبُّهُمۡ شَرَابࣰ ا طَهُورًا
Wͻ’befira serekye ntoma pa a εyε ahahan-mono, εna ago; na yεde dwetε nkapo asiesie wͻn. Na wͻn Wura Nyankopͻn bεma wͻn nsu kronkron anom
Ayah 21إِنَّ هَٰذَا كَانَ لَكُمۡ جَزَآءࣰ وَكَانَ سَعۡيُكُم مَّشۡكُورًا
(Yε’bεka akyerε wͻn sε): “Nokorε, woi ne moakatua, mommͻden a mobͻeε no so aseda nie”
Ayah 22إِنَّا نَحۡنُ نَزَّلۡنَا عَلَيۡكَ ٱلۡقُرۡءَانَ تَنزِيلࣰ ا
(Nkͻmhyεni), nokorε sε, Yεn na Ye’siane Qur’aan no nkrankakra ma woͻ
Ayah 23فَٱصۡبِرۡ لِحُكۡمِ رَبِّكَ وَلَا تُطِعۡ مِنۡهُمۡ ءَاثِمًا أَوۡ كَفُورࣰ ا
Enti nya aboterε fama wo Wura Nyankopͻn atemmuo no, na entie wͻn mu bͻneεni anaasε boniayεni biara
Ayah 24وَٱذۡكُرِ ٱسۡمَ رَبِّكَ بُكۡرَةࣰ وَأَصِيلࣰ ا
Na bͻ wo Wura Nyankopͻn abodin anͻpa ne anyumerε
Ayah 25وَمِنَ ٱلَّيۡلِ فَٱسۡجُدۡ لَهُۥ وَسَبِّحۡهُ لَيۡلࣰ ا طَوِيلًا
Anadwo no mu bi nso fa w’anim butu fͻm fama no, na fa anadwo no mu berε tenten tontom no
Ayah 26إِنَّ هَٰٓؤُلَآءِ يُحِبُّونَ ٱلۡعَاجِلَةَ وَيَذَرُونَ وَرَآءَهُمۡ يَوۡمࣰ ا ثَقِيلࣰ ا
Nokorε sε, saa nkorͻfoͻ yi pε seesei (wiase asetena yi), na wͻ’bu wͻn ani gu Ɛda a emu (asεm) yε den (a εda wͻn anim) no so
Ayah 27نَّحۡنُ خَلَقۡنَٰهُمۡ وَشَدَدۡنَآ أَسۡرَهُمۡۖ وَإِذَا شِئۡنَا بَدَّلۡنَآ أَمۡثَٰلَهُمۡ تَبۡدِيلًا
Yεn na Yε’bͻͻ wͻn, hyεε wͻn mpamuden; sε Yε’pε a Yε’bεsesa wͻn korakora de wͻn sεso (foforͻ) abεhyε wͻn anam mu
Ayah 28إِنَّ هَٰذِهِۦ تَذۡكِرَةࣱۖ فَمَن شَآءَ ٱتَّخَذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ سَبِيلࣰ ا
Nokorε sε, saa (Qur’aan yi) yε afutusεm (mamo), enti obi a ͻpε no ͻnfa ͻkwan a εkͻ ne Wura Nyankopͻn hͻ no so
Ayah 29وَمَا تَشَآءُونَ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُۚ إِنَّ ٱللَّهَ كَانَ عَلِيمًا حَكِيمࣰ ا
Ԑnnyε sεdeε mopε, (na εbεyε hͻ) na mmom sεdeε Nyankopͻn pε. Nokorε, Nyankopͻn ne Onimdefoͻ, Ɔne Onyansafoͻ
Ayah 30يُدۡخِلُ مَن يَشَآءُ فِي رَحۡمَتِهِۦۚ وَٱلظَّٰلِمِينَ أَعَدَّ لَهُمۡ عَذَابًا أَلِيمَۢا
Ɔde obi a Ɔpε Wura N’ahummͻborͻ no mu; na abͻneεfoͻ no deε W’asiesie asotwee a εyε ya paa ato wͻn hͻ
Ayah 31