Surah Al-Ghaashiya — The Overwhelming
Surah Al-Ghaashiya (The Overwhelming) is chapter 88 of the Quran, with 26 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.
هَلۡ أَتَىٰكَ حَدِيثُ ٱلۡغَٰشِيَةِ
Asεm kεseε a (nehuu) boro (nipa) soͻ no ho asεm no abeduru wo hͻ
Ayah 1وُجُوهࣱ يَوۡمَئِذٍ خَٰشِعَةٌ
Saa Da no, ebinom ani bewu
Ayah 2عَامِلَةࣱ نَّاصِبَةࣱ
Adwumaden, ͻberεhunu
Ayah 3تَصۡلَىٰ نَارًا حَامِيَةࣰ
Wͻ’bεkͻ Ogya tanaa a, ano yε den paa mu
Ayah 4تُسۡقَىٰ مِنۡ عَيۡنٍ ءَانِيَةࣲ
Yεbεma wͻn anom nsuo wͻ Nsuohyeε abura mu
Ayah 5لَّيۡسَ لَهُمۡ طَعَامٌ إِلَّا مِن ضَرِيعࣲ
Wͻ’nnya aduane nni, na mmom gyesε (nkasεε dua nyononyono bi a yεfrε no) ‘Doariin’ (na wͻ’bεweε)
Ayah 6لَّا يُسۡمِنُ وَلَا يُغۡنِي مِن جُوعࣲ
Ɛnnyε wͻn honam yie, na εmmee wͻn nso
Ayah 7وُجُوهࣱ يَوۡمَئِذࣲ نَّاعِمَةࣱ
Saa Da no ebinom nso anim bεyε frͻmfrͻm fεfεεfε
Ayah 8لِّسَعۡيِهَا رَاضِيَةࣱ
Wͻn ani bεgye wͻn mmͻdemmͻ ho
Ayah 9فِي جَنَّةٍ عَالِيَةࣲ
Wͻ Animuonyam Aheman no mu
Ayah 10لَّا تَسۡمَعُ فِيهَا لَٰغِيَةࣰ
Wͻ’nnte nsεm hunu biara wͻ hͻ
Ayah 11فِيهَا عَيۡنࣱ جَارِيَةࣱ
Asutire a εretene bi wͻ mu
Ayah 12فِيهَا سُرُرࣱ مَّرۡفُوعَةࣱ
Animuonyam ahennwa bi a yama soͻ nso wͻ mu
Ayah 13وَأَكۡوَابࣱ مَّوۡضُوعَةࣱ
Ne nhwehwε nkuruwaa a, esisi hͻ
Ayah 14وَنَمَارِقُ مَصۡفُوفَةࣱ
Ne mpikyi (anaasε atԑ anaa Kushin) a, yato no santen
Ayah 15وَزَرَابِيُّ مَبۡثُوثَةٌ
Ɛne kapεt papa a, εsesε hͻ
Ayah 16أَفَلَا يَنظُرُونَ إِلَى ٱلۡإِبِلِ كَيۡفَ خُلِقَتۡ
Enti wͻ’nhunuu sεdeε yasi abͻ Yoma
Ayah 17وَإِلَى ٱلسَّمَآءِ كَيۡفَ رُفِعَتۡ
Ɛne ͻsoro sεdeε yasi apagya no
Ayah 18وَإِلَى ٱلۡجِبَالِ كَيۡفَ نُصِبَتۡ
Ɛne mmepͻ, sεdeε yasi de atintim hͻ pintinn
Ayah 19وَإِلَى ٱلۡأَرۡضِ كَيۡفَ سُطِحَتۡ
Ɛne asaase sεdeε yasi aterε mu
Ayah 20فَذَكِّرۡ إِنَّمَآ أَنتَ مُذَكِّرࣱ
Enti tu (wͻn) fo, efirisε woyε obi a wotu (amanfoͻ) foͻ
Ayah 21لَّسۡتَ عَلَيۡهِم بِمُصَيۡطِرٍ
Wonyε obi a wohyε wͻn so
Ayah 22إِلَّا مَن تَوَلَّىٰ وَكَفَرَ
Na mmom obi a, ͻbεdane n’akyi ama na w’apo (nokorε) no
Ayah 23فَيُعَذِّبُهُ ٱللَّهُ ٱلۡعَذَابَ ٱلۡأَكۡبَرَ
Nyankopͻn de asotwee kεseε no bεtwe n’aso
Ayah 24إِنَّ إِلَيۡنَآ إِيَابَهُمۡ
Nokorε sε Yεn hͻ na wͻ’bεsan aba
Ayah 25ثُمَّ إِنَّ عَلَيۡنَا حِسَابَهُم
Nokorε bio nso sε wͻn akontabuo da Yεn so
Ayah 26