Surah Al-Humaza — The Traducer
Surah Al-Humaza (The Traducer) is chapter 104 of the Quran, with 9 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.
وَيۡلࣱ لِّكُلِّ هُمَزَةࣲ لُّمَزَةٍ
Due nka (onipa) biara a, odi nsekuro, yε wetεkyerε, ka nkyisεm
Ayah 1ٱلَّذِي جَمَعَ مَالࣰ ا وَعَدَّدَهُۥ
Saa (nipa) no a, waboa sika ano agu hͻ na ͻkan (na ͻnnfa bi nnyε Nyame adwuma no)
Ayah 2يَحۡسَبُ أَنَّ مَالَهُۥٓ أَخۡلَدَهُۥ
Ɔdwen sε ne sika no bεma no atena ase afe bͻͻ
Ayah 3كَلَّاۖ لَيُنۢبَذَنَّ فِي ٱلۡحُطَمَةِ
Daabi da, ampa sε yεbεto no ama no akͻhwe Deε ebubu (biribiara) pasaa no mu
Ayah 4وَمَآ أَدۡرَىٰكَ مَا ٱلۡحُطَمَةُ
Na εdeεn na εbεkyerε wo Deε ebubu (biribiara) pasaa no
Ayah 5نَارُ ٱللَّهِ ٱلۡمُوقَدَةُ
(Ɛyε) Onyankopͻn (abufuhyeε) gya bi a y’asͻ ano paa
Ayah 6ٱلَّتِي تَطَّلِعُ عَلَى ٱلۡأَفۡـِٔدَةِ
A, epue wͻ (onipa) akoma mu
Ayah 7إِنَّهَا عَلَيۡهِم مُّؤۡصَدَةࣱ
Nokorε sε yεde (saa gya no) bεkata wͻn so atwa ahyia
Ayah 8فِي عَمَدࣲ مُّمَدَّدَةِۭ
(Agu wͻn mpokyerε amantam wͻn) wͻ adum akεseε a εtrε bi mu
Ayah 9