Surah Al-Qiyaama — The Resurrection

Surah Al-Qiyaama (The Resurrection) is chapter 75 of the Quran, with 40 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.

لَآ أُقۡسِمُ بِيَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ

Mede Owusͻreε Da no di nse

Ayah 1

وَلَآ أُقۡسِمُ بِٱلنَّفۡسِ ٱللَّوَّامَةِ

Mesan de (gyidieni) kraa a ᴐbᴐ ne ho soboᴐ (wͻ bͻne bi a w’ayε ho anaa papa bi a w’annyε ho) di nse

Ayah 2

أَيَحۡسَبُ ٱلۡإِنسَٰنُ أَلَّن نَّجۡمَعَ عِظَامَهُۥ

Enti onipa dwen sε, Yε’moaboa ne nnompe ano (nnyane no mmu no atεn)

Ayah 3

بَلَىٰ قَٰدِرِينَ عَلَىٰٓ أَن نُّسَوِّيَ بَنَانَهُۥ

Daabi, Yε’wͻ tumi sε nensa teaa ano no (mpo) Yε’yε no pεpεεpε

Ayah 4

بَلۡ يُرِيدُ ٱلۡإِنسَٰنُ لِيَفۡجُرَ أَمَامَهُۥ

Nanso onipa pε sε ͻkͻso yε bͻne kͻ n’anim

Ayah 5

يَسۡـَٔلُ أَيَّانَ يَوۡمُ ٱلۡقِيَٰمَةِ

Obisa (dedi fεw) sε: “Ɛberε bεn ne Owu-sͻreε Da no?”

Ayah 6

فَإِذَا بَرِقَ ٱلۡبَصَرُ

Sε aniwa so te nyinam

Ayah 7

وَخَسَفَ ٱلۡقَمَرُ

Na bosome yε tumm (anaasε bosome hwere nenhyerԑnee)

Ayah 8

وَجُمِعَ ٱلشَّمۡسُ وَٱلۡقَمَرُ

Na yεka Awia ne Bosome bom a

Ayah 9

يَقُولُ ٱلۡإِنسَٰنُ يَوۡمَئِذٍ أَيۡنَ ٱلۡمَفَرُّ

Saa Da no onipa bεka sε: ”Dwane kͻbea wͻ hen?”

Ayah 10

كَلَّا لَا وَزَرَ

Daabi, dwane kͻbea biara nni hͻ

Ayah 11

إِلَىٰ رَبِّكَ يَوۡمَئِذٍ ٱلۡمُسۡتَقَرُّ

Saa Da no, wo Wura Nyankopͻn hͻ nko ara ne Ahomegye bea

Ayah 12

يُنَبَّؤُاْ ٱلۡإِنسَٰنُ يَوۡمَئِذِۭ بِمَا قَدَّمَ وَأَخَّرَ

Saa Da no, yε’bεbͻ onipa adwuma a, odi too n’anim ne deε εkaa akyire (a obuu n’ani guu soᴐ) ho amaneε

Ayah 13

بَلِ ٱلۡإِنسَٰنُ عَلَىٰ نَفۡسِهِۦ بَصِيرَةࣱ‏

Aane, onipa no ara nim neho

Ayah 14

وَلَوۡ أَلۡقَىٰ مَعَاذِيرَهُۥ

Ɔpa kyεw mpo a, (ne kyεw pa no ho mma mfasoͻ biara)

Ayah 15

لَا تُحَرِّكۡ بِهِۦ لِسَانَكَ لِتَعۡجَلَ بِهِۦٓ

(Nkͻmhyεni), εnnanedane wo kεterεma mmpere Adyisεm no ho (sε wo werε befri nti)

Ayah 16

إِنَّ عَلَيۡنَا جَمۡعَهُۥ وَقُرۡءَانَهُۥ

Nokorε sε, Yεn na (Qur’aan no) anoboa, εnesε (yεbεkyerε wo) n’akenkan no da Yεnsoͻ

Ayah 17

فَإِذَا قَرَأۡنَٰهُ فَٱتَّبِعۡ قُرۡءَانَهُۥ

Enti sε Yε’rekenkan (kyerε wo a), di akenkan no akyi

Ayah 18

ثُمَّ إِنَّ عَلَيۡنَا بَيَانَهُۥ

Afei nekyerεkyerεmu no nso Yε’so na εda (sε Yε’kyerεkyerε mu kyerε woͻ)

Ayah 19

كَلَّا بَلۡ تُحِبُّونَ ٱلۡعَاجِلَةَ

Daabi, Nanso mopε seesei wiase (asetena) yi

Ayah 20

وَتَذَرُونَ ٱلۡأٓخِرَةَ

Na mobu moani gu Daakye deε no so

Ayah 21

وُجُوهࣱ يَوۡمَئِذࣲ نَّاضِرَةٌ

Saa Da no ebinom anim bεhyerεn

Ayah 22

إِلَىٰ رَبِّهَا نَاظِرَةࣱ‏

Ahwε wͻn Wura Nyankopͻn

Ayah 23

وَوُجُوهࣱ يَوۡمَئِذِۭ بَاسِرَةࣱ‏

Saa Da no ebinom nso anim bemuna kusuu

Ayah 24

تَظُنُّ أَن يُفۡعَلَ بِهَا فَاقِرَةࣱ‏

(Saa nkorͻfoͻ no) adwen sε mmusuo kεseε bi reba wͻn so

Ayah 25

كَلَّآ إِذَا بَلَغَتِ ٱلتَّرَاقِيَ

Aane, Sε (nkwa no) duru (owufoͻ no) mene mu a

Ayah 26

وَقِيلَ مَنۡۜ رَاقࣲ‏

Wͻ’ka sε: “Hwan na ͻbεgye no”

Ayah 27

وَظَنَّ أَنَّهُ ٱلۡفِرَاقُ

(Owufoͻ no) behunu sε, nokorε, ͻne (wiase) redi mpaapaemu

Ayah 28

وَٱلۡتَفَّتِ ٱلسَّاقُ بِٱلسَّاقِ

Na (owufoͻ no refa) ma anantu ne anantu kᴐka bom

Ayah 29

إِلَىٰ رَبِّكَ يَوۡمَئِذٍ ٱلۡمَسَاقُ

Saa Da no wo Wura Nyankopͻn hͻ na yεka kͻ

Ayah 30

فَلَا صَدَّقَ وَلَا صَلَّىٰ

Enti (boniayεni no) annye (Qur’aan) anni, εna wannfrε Nyame nso

Ayah 31

وَلَٰكِن كَذَّبَ وَتَوَلَّىٰ

Na mmom obuu no atorͻsεm danee n’akyi demaae

Ayah 32

ثُمَّ ذَهَبَ إِلَىٰٓ أَهۡلِهِۦ يَتَمَطَّىٰٓ

Afei ͻde ahomasoͻ kunkon kͻͻ n’abusuafoͻ hͻ

Ayah 33

أَوۡلَىٰ لَكَ فَأَوۡلَىٰ

Due nka wo. Enti Due

Ayah 34

ثُمَّ أَوۡلَىٰ لَكَ فَأَوۡلَىٰٓ

Due nka wo bio, Enti Due

Ayah 35

أَيَحۡسَبُ ٱلۡإِنسَٰنُ أَن يُتۡرَكَ سُدًى

Enti onipa dwen sε yε’bεgyae no kwa

Ayah 36

أَلَمۡ يَكُ نُطۡفَةࣰ مِّن مَّنِيࣲّ يُمۡنَىٰ

Na ͻnnyε nkwa-boaa a, efiri ahobae a, ehwie anaa epue ba no mu

Ayah 37

ثُمَّ كَانَ عَلَقَةࣰ فَخَلَقَ فَسَوَّىٰ

Ansa na ͻreyε mogya-toa, εna (Nyankopͻn) bͻͻ (no) yεε (no) pεpεεpε

Ayah 38

فَجَعَلَ مِنۡهُ ٱلزَّوۡجَيۡنِ ٱلذَّكَرَ وَٱلۡأُنثَىٰٓ

Ɛna Ͻyεε no mmienu, ͻbarima ne ͻbaa

Ayah 39

أَلَيۡسَ ذَٰلِكَ بِقَٰدِرٍ عَلَىٰٓ أَن يُحۡـِۧيَ ٱلۡمَوۡتَىٰ

Enti (Nyankopͻn a, ͻnam anwanwa kwan a yakyerε yi so bͻͻ onipa no), Onni tumi sε Ɔbenyane owufoͻ aba nkwa mu (bio)

Ayah 40