Surah Ad-Dhuhaa — The Morning Hours

Surah Ad-Dhuhaa (The Morning Hours) is chapter 93 of the Quran, with 11 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.

وَٱلضُّحَىٰ

Mede Anͻpa-wia nhyerεnee no

Ayah 1

وَٱلَّيۡلِ إِذَا سَجَىٰ

Ne εberε a Anadwo ayε dinn no di nse sε

Ayah 2

مَا وَدَّعَكَ رَبُّكَ وَمَا قَلَىٰ

(Nkͻmhyεni), wo Wura Nyankopͻn mmpaa w’akyi, na N’ani nso nyae woho gyeԑ

Ayah 3

وَلَلۡأٓخِرَةُ خَيۡرࣱ لَّكَ مِنَ ٱلۡأُولَىٰ

Nokorε sε, Daakye no yε ma wo kyεn seesei

Ayah 4

وَلَسَوۡفَ يُعۡطِيكَ رَبُّكَ فَتَرۡضَىٰٓ

Na wo Wura Nyankopͻn bεkyε wo akyεdeε a, w’ani bεgye ho

Ayah 5

أَلَمۡ يَجِدۡكَ يَتِيمࣰ ا فَـَٔاوَىٰ

W’annhu wo sε na wo yε agyanka, εna Ɔmaa wo tenaberε

Ayah 6

وَوَجَدَكَ ضَآلࣰّ ا فَهَدَىٰ

Ɛna Ohunuu wo sε worehwehwε kwan tenenee no, εna Ɔkyerεε wo kwan

Ayah 7

وَوَجَدَكَ عَآئِلࣰ ا فَأَغۡنَىٰ

Ɛna Ohunuu wo sε ahia woͻ, εna Ɔmaa wonyaa wo ho

Ayah 8

فَأَمَّا ٱلۡيَتِيمَ فَلَا تَقۡهَرۡ

Enti awisiaa deε εnhyε no so

Ayah 9

وَأَمَّا ٱلسَّآئِلَ فَلَا تَنۡهَرۡ

Na ͻsrεsrεfoͻ (anaa) obisafoͻ nso εnka n’anim (anaa) εmpamo no

Ayah 10

وَأَمَّا بِنِعۡمَةِ رَبِّكَ فَحَدِّثۡ

Na mmom wo Wura Nyankopͻn adom no na bͻ ho dawuro

Ayah 11