Surah Al-Jaathiya — Crouching
Surah Al-Jaathiya (Crouching) is chapter 45 of the Quran, with 37 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.
حمٓ
Haa – Miim
Ayah 1تَنزِيلُ ٱلۡكِتَٰبِ مِنَ ٱللَّهِ ٱلۡعَزِيزِ ٱلۡحَكِيمِ
Nwoma yi mu Adiyisεm no siane fri Onyankopͻn, Otumfoͻ Nyansafoͻ no hͻ
Ayah 2إِنَّ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ لَأٓيَٰتࣲ لِّلۡمُؤۡمِنِينَ
Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ ͻsoro ne asaase so dema agyidiefoͻ no
Ayah 3وَفِي خَلۡقِكُمۡ وَمَا يَبُثُّ مِن دَآبَّةٍ ءَايَٰتࣱ لِّقَوۡمࣲ يُوقِنُونَ
Nsεnkyerεnee san wͻ sεdeε yesi bͻͻ mo, ne mmoadoma a W’ama wͻn ahwete (wͻ asaase soͻ no) mu ma amanfoͻ a wͻ’gye die
Ayah 4وَٱخۡتِلَٰفِ ٱلَّيۡلِ وَٱلنَّهَارِ وَمَآ أَنزَلَ ٱللَّهُ مِنَ ٱلسَّمَآءِ مِن رِّزۡقࣲ فَأَحۡيَا بِهِ ٱلۡأَرۡضَ بَعۡدَ مَوۡتِهَا وَتَصۡرِيفِ ٱلرِّيَٰحِ ءَايَٰتࣱ لِّقَوۡمࣲ يَعۡقِلُونَ
Nsεnkyerεnee nso wͻ adesaeε ne adekyeε a εbͻ abira, ne deε Onyankopͻn siane firi soro a εyε akͻnhoma a Ɔde benyane asaase wͻ newuo akyi, ne mframa a edi adaneadane no mu ma amanfoͻ a wͻn wͻ nteaseε
Ayah 5تِلۡكَ ءَايَٰتُ ٱللَّهِ نَتۡلُوهَا عَلَيۡكَ بِٱلۡحَقِّۖ فَبِأَيِّ حَدِيثِۭ بَعۡدَ ٱللَّهِ وَءَايَٰتِهِۦ يُؤۡمِنُونَ
(Nkͻmhyεni), woi nom yε Onyankopͻn nsεm a yεrekenkan kyerε wo wͻ nokorε mu. Enti Onyankopͻn ne Nensεnkyerεnee akyi no asεm bεn bio na wͻ’bεgye adie
Ayah 6وَيۡلࣱ لِّكُلِّ أَفَّاكٍ أَثِيمࣲ
Na due nka nkontomponi, bͻneni biara
Ayah 7يَسۡمَعُ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِ ثُمَّ يُصِرُّ مُسۡتَكۡبِرࣰ ا كَأَن لَّمۡ يَسۡمَعۡهَاۖ فَبَشِّرۡهُ بِعَذَابٍ أَلِيمࣲ
(Onipa) a ͻte Nyankopͻn nsεm sε yεrekenkan nanso ͻtͻ kͻso yε akεsesεm sεdeε ͻnteeε. Enti fa asotwee yaaya no bͻ (saa nipa no) anohoba
Ayah 8وَإِذَا عَلِمَ مِنۡ ءَايَٰتِنَا شَيۡـًٔا ٱتَّخَذَهَا هُزُوًاۚ أُوْلَٰٓئِكَ لَهُمۡ عَذَابࣱ مُّهِينࣱ
Sε onya nimdeε bi fri Yεn Nsεm no mu a, ͻde di fεw. Saa nkorͻfoͻ no na animguaseε asotwee no bεyε wͻn dea no
Ayah 9مِّن وَرَآئِهِمۡ جَهَنَّمُۖ وَلَا يُغۡنِي عَنۡهُم مَّا كَسَبُواْ شَيۡـࣰٔ ا وَلَا مَا ٱتَّخَذُواْ مِن دُونِ ٱللَّهِ أَوۡلِيَآءَۖ وَلَهُمۡ عَذَابٌ عَظِيمٌ
Amanehunu gya da wͻn anim, na deε wͻ’anya no ensi wͻn hwee, na deε wͻn afri Nyankopͻn akyi de wͻn ayε akyitaafoͻ no nso (ho mma mfasoͻ mma wͻn), na wͻn wͻ asotwee a εsoo paa
Ayah 10هَٰذَا هُدࣰ ىۖ وَٱلَّذِينَ كَفَرُواْ بِـَٔايَٰتِ رَبِّهِمۡ لَهُمۡ عَذَابࣱ مِّن رِّجۡزٍ أَلِيمٌ
(Qur’aan) woi yε kwankyerε (Nwoma); na wͻn a wͻ’nnye wͻn Wura Nyankopͻn Nsεm no nnie no, wͻn wͻ asotwee bͻne a εyε ya papaapa
Ayah 11۞ٱللَّهُ ٱلَّذِي سَخَّرَ لَكُمُ ٱلۡبَحۡرَ لِتَجۡرِيَ ٱلۡفُلۡكُ فِيهِ بِأَمۡرِهِۦ وَلِتَبۡتَغُواْ مِن فَضۡلِهِۦ وَلَعَلَّكُمۡ تَشۡكُرُونَ
Onyankopͻn na W’abrε ͻpo ase ama mo, sεdeε nsuom hyεn bεnante so wͻ Netumi mu, ne sεdeε mobεhwehwε N’adom, ne sεdeε mobeyi (no) ayε
Ayah 12وَسَخَّرَ لَكُم مَّا فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَمَا فِي ٱلۡأَرۡضِ جَمِيعࣰ ا مِّنۡهُۚ إِنَّ فِي ذَٰلِكَ لَأٓيَٰتࣲ لِّقَوۡمࣲ يَتَفَكَّرُونَ
Ɛna W’abrε deε εwͻ soro ne deε εwͻ asaase so (nyinaa) ase ama mo, ne nyinaa firi Nehͻ. Nokorε sε nsεnkyerεnee wͻ woi nom mu ma amanfoͻ a wͻ’kaekaeε
Ayah 13قُل لِّلَّذِينَ ءَامَنُواْ يَغۡفِرُواْ لِلَّذِينَ لَا يَرۡجُونَ أَيَّامَ ٱللَّهِ لِيَجۡزِيَ قَوۡمَۢا بِمَا كَانُواْ يَكۡسِبُونَ
(Nkͻmhyεni), ka kyerε wͻn a wͻ’agye adie no sε: “Wͻnfa wͻn a wͻn ani nna Nyankopͻn Nna no soͻ no bͻne nkyε wͻn, sεdeε Ɔbetua amanfoͻ bi dwuma a wͻ’diiε no so ka
Ayah 14مَنۡ عَمِلَ صَٰلِحࣰ ا فَلِنَفۡسِهِۦۖ وَمَنۡ أَسَآءَ فَعَلَيۡهَاۖ ثُمَّ إِلَىٰ رَبِّكُمۡ تُرۡجَعُونَ
Obia ͻbedi dwuma pa no εwͻ ͻno ara kraa, na obi nso a ͻbedi dwuma bͻne no nso etia ͻno ara kraa; na εno akyiri no, mo Wura Nyankopͻn hͻ na mobεsan akͻ
Ayah 15وَلَقَدۡ ءَاتَيۡنَا بَنِيٓ إِسۡرَٰٓءِيلَ ٱلۡكِتَٰبَ وَٱلۡحُكۡمَ وَٱلنُّبُوَّةَ وَرَزَقۡنَٰهُم مِّنَ ٱلطَّيِّبَٰتِ وَفَضَّلۡنَٰهُمۡ عَلَى ٱلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε Yε’de Nwoma ne atemmuo ne nkͻmhyε maa Israel mma no, na Yε’de adepa bͻͻ wͻn akͻnhoma na Yε’maa wͻn so kyεn amansan no nyinaa (wͻ saa berε no)
Ayah 16وَءَاتَيۡنَٰهُم بَيِّنَٰتࣲ مِّنَ ٱلۡأَمۡرِۖ فَمَا ٱخۡتَلَفُوٓاْ إِلَّا مِنۢ بَعۡدِ مَا جَآءَهُمُ ٱلۡعِلۡمُ بَغۡيَۢا بَيۡنَهُمۡۚ إِنَّ رَبَّكَ يَقۡضِي بَيۡنَهُمۡ يَوۡمَ ٱلۡقِيَٰمَةِ فِيمَا كَانُواْ فِيهِ يَخۡتَلِفُونَ
Yε’maa wͻn ahyԑdeԑ no nso ho nkyerεkyerεmu. Na ntotoo biara nni wͻn mu kͻpem akyire yi a wͻ’nyaa nimdeε, εnam ahoͻyaa a εda wͻn ntεm no nti. Nokorε sε wo Wura Nyankopͻn bebu wͻn ntεm atεn Atemmuda wͻ deε wͻ’nnte wͻn ho ase wͻ ho no ho
Ayah 17ثُمَّ جَعَلۡنَٰكَ عَلَىٰ شَرِيعَةࣲ مِّنَ ٱلۡأَمۡرِ فَٱتَّبِعۡهَا وَلَا تَتَّبِعۡ أَهۡوَآءَ ٱلَّذِينَ لَا يَعۡلَمُونَ
Afei (Nkͻmhyεni), Yε’de wo sii ͻsom no ahyԑdeԑ no ho mmra kwan pefee no so. Enti di akyire, na hwε na w’anni wͻn a wͻ’nnim no apεdeε akyi
Ayah 18إِنَّهُمۡ لَن يُغۡنُواْ عَنكَ مِنَ ٱللَّهِ شَيۡـࣰٔ اۚ وَإِنَّ ٱلظَّٰلِمِينَ بَعۡضُهُمۡ أَوۡلِيَآءُ بَعۡضࣲۖ وَٱللَّهُ وَلِيُّ ٱلۡمُتَّقِينَ
Nokorε sε wͻn ho mma mfasoͻ biara mma wo wͻ Nyankopͻn hͻ. Nokorε sε abͻneεfoͻ no yε akyitaafoͻ ma wͻn ho wͻn ho. Na Onyankopͻn nso ne Nyamesurofoͻ no Kyitaafoͻ
Ayah 19هَٰذَا بَصَٰٓئِرُ لِلنَّاسِ وَهُدࣰ ى وَرَحۡمَةࣱ لِّقَوۡمࣲ يُوقِنُونَ
(Qur’aan) woi yε anibue (Nwoma) dema adasamma, na εsan yε kwan kyerε ne ahummͻborͻ dema amanfoͻ a wͻ’gye die
Ayah 20أَمۡ حَسِبَ ٱلَّذِينَ ٱجۡتَرَحُواْ ٱلسَّيِّـَٔاتِ أَن نَّجۡعَلَهُمۡ كَٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ سَوَآءࣰ مَّحۡيَاهُمۡ وَمَمَاتُهُمۡۚ سَآءَ مَا يَحۡكُمُونَ
Anaasε wͻn a wͻ’di bͻne no dwen sε Yε’bεyε wͻn tesε wͻn a wͻ’agye adie na wͻ’redi dwuma pa no; sε wͻn nkwa nna mu ne wͻn wuo mu bεyε pε? Bͻne mu paa na wͻ’bu atεn
Ayah 21وَخَلَقَ ٱللَّهُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضَ بِٱلۡحَقِّ وَلِتُجۡزَىٰ كُلُّ نَفۡسِۭ بِمَا كَسَبَتۡ وَهُمۡ لَا يُظۡلَمُونَ
Onyankopͻn de nokorε na abͻ ͻsoro ne asaase, sεdeε ͻkra biara benya n’akatua wͻ deε ͻyͻeε ho, na yenni wͻn amim
Ayah 22أَفَرَءَيۡتَ مَنِ ٱتَّخَذَ إِلَٰهَهُۥ هَوَىٰهُ وَأَضَلَّهُ ٱللَّهُ عَلَىٰ عِلۡمࣲ وَخَتَمَ عَلَىٰ سَمۡعِهِۦ وَقَلۡبِهِۦ وَجَعَلَ عَلَىٰ بَصَرِهِۦ غِشَٰوَةࣰ فَمَن يَهۡدِيهِ مِنۢ بَعۡدِ ٱللَّهِۚ أَفَلَا تَذَكَّرُونَ
Wonhunuu nea w’afa n’apεdeε ayε ne nyame no? Onyankopͻn Nim (saa nipa no), na ogyae no ma no yera, na Osi n’aso ne n’akoma na Ɔde akatasoͻ kata n’ani. Na hwan na obefri Nyankopͻn akyi atene (saa nipa) no? Adεn monnwen anaa
Ayah 23وَقَالُواْ مَا هِيَ إِلَّا حَيَاتُنَا ٱلدُّنۡيَا نَمُوتُ وَنَحۡيَا وَمَا يُهۡلِكُنَآ إِلَّا ٱلدَّهۡرُۚ وَمَا لَهُم بِذَٰلِكَ مِنۡ عِلۡمٍۖ إِنۡ هُمۡ إِلَّا يَظُنُّونَ
Deε wͻ’ka ne sε: ”Hwee nni hͻ bio ka yεn wiase asetena yi ho. Yε’rewu na yε’san te nkwa mu, na hwee nsεe yεn sε εberε“. (Nkͻmhyεni, saa nkorͻfoͻ yi) nni εno ho nimdeε; deε wͻn adwen yε wͻn (na wͻ’rekeka no)
Ayah 24وَإِذَا تُتۡلَىٰ عَلَيۡهِمۡ ءَايَٰتُنَا بَيِّنَٰتࣲ مَّا كَانَ حُجَّتَهُمۡ إِلَّآ أَن قَالُواْ ٱئۡتُواْ بِـَٔابَآئِنَآ إِن كُنتُمۡ صَٰدِقِينَ
Sε yεrekenkan Yεn Nsεm pefee no kyerε wͻn a, wͻn nyinasoͻ ara ne sε: “Sε moyε nokwafoͻ ampa a εneε monfa y’agyanom (a wͻn awuo no) mmra (nkwa mu bio ma yεnhwε)“
Ayah 25قُلِ ٱللَّهُ يُحۡيِيكُمۡ ثُمَّ يُمِيتُكُمۡ ثُمَّ يَجۡمَعُكُمۡ إِلَىٰ يَوۡمِ ٱلۡقِيَٰمَةِ لَا رَيۡبَ فِيهِ وَلَٰكِنَّ أَكۡثَرَ ٱلنَّاسِ لَا يَعۡلَمُونَ
(Nkͻmhyεni), ka sε: “Onyankopͻn na Ɔma mo nkwa, na afei W’ama mo awu, ansa na W’aboaboa moano wͻ Wusͻreε da a akyingyeε biara nni ho no mu; nanso nnipa pii nnim
Ayah 26وَلِلَّهِ مُلۡكُ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۚ وَيَوۡمَ تَقُومُ ٱلسَّاعَةُ يَوۡمَئِذࣲ يَخۡسَرُ ٱلۡمُبۡطِلُونَ
Nyankopͻn na ͻsoro ne asaase so ahennie wͻ no. Ɛda a Dᴐnhwere no bεsoo no, saa Da no wͻn a wͻ’dii nkontompo akyire no bεbrε agu
Ayah 27وَتَرَىٰ كُلَّ أُمَّةࣲ جَاثِيَةࣰۚ كُلُّ أُمَّةࣲ تُدۡعَىٰٓ إِلَىٰ كِتَٰبِهَا ٱلۡيَوۡمَ تُجۡزَوۡنَ مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
(Saa Da no) wobehu ͻman biara sε w’abu nkotodwe. Yε’bεfrε ͻman biara akͻ ne (dwumadie) Nwoma no mu. Saa Da no dwuma a modiiε no so na (yebegyina) atua mo ka
Ayah 28هَٰذَا كِتَٰبُنَا يَنطِقُ عَلَيۡكُم بِٱلۡحَقِّۚ إِنَّا كُنَّا نَسۡتَنسِخُ مَا كُنتُمۡ تَعۡمَلُونَ
Yεn Nwoma woi, asεm nokorε a εfa moho na εka. Nokorε sε na Yε’twerε dwuma a na modie biara
Ayah 29فَأَمَّا ٱلَّذِينَ ءَامَنُواْ وَعَمِلُواْ ٱلصَّٰلِحَٰتِ فَيُدۡخِلُهُمۡ رَبُّهُمۡ فِي رَحۡمَتِهِۦۚ ذَٰلِكَ هُوَ ٱلۡفَوۡزُ ٱلۡمُبِينُ
Wͻn a wͻ’gye diiε na wͻ’dii dwuma pa no deε, wͻn Wura Nyankopͻn de wͻn bewura N’ahummͻborͻ no mu, na εno ne nkonimdie pefee no
Ayah 30وَأَمَّا ٱلَّذِينَ كَفَرُوٓاْ أَفَلَمۡ تَكُنۡ ءَايَٰتِي تُتۡلَىٰ عَلَيۡكُمۡ فَٱسۡتَكۡبَرۡتُمۡ وَكُنتُمۡ قَوۡمࣰ ا مُّجۡرِمِينَ
(Yεbεka akyerε) wͻn a wͻ’yii boniayε no sε: “Enti y’ankenkan Mensεm no ankyerε mo?” Nanso moyεε ahomasoͻ, na moyε amanfoͻ nnebͻneεfoͻ
Ayah 31وَإِذَا قِيلَ إِنَّ وَعۡدَ ٱللَّهِ حَقࣱّ وَٱلسَّاعَةُ لَا رَيۡبَ فِيهَا قُلۡتُم مَّا نَدۡرِي مَا ٱلسَّاعَةُ إِن نَّظُنُّ إِلَّا ظَنࣰّ ا وَمَا نَحۡنُ بِمُسۡتَيۡقِنِينَ
Sε yεka kyerε mo sε: ‘’Onyankopͻn bͻhyε no yε nokorε ampa, na Dͻnhwere no nso akyinyeε biara nni ho a“, deε na moka ne sε: ”Yε’deε yennim deε yεfrε no Dͻnhwere no. Yε’dwen sε εyε adwen kyerε bi kwa, na yε’deε y’adwen nnsi yεn pi wͻ ho.“
Ayah 32وَبَدَا لَهُمۡ سَيِّـَٔاتُ مَا عَمِلُواْ وَحَاقَ بِهِم مَّا كَانُواْ بِهِۦ يَسۡتَهۡزِءُونَ
Bͻne a wͻ’yͻeε no beyi neho adi akyerε wͻn, na deε wͻ’de dii fεw no betwa wͻn ho ahyia
Ayah 33وَقِيلَ ٱلۡيَوۡمَ نَنسَىٰكُمۡ كَمَا نَسِيتُمۡ لِقَآءَ يَوۡمِكُمۡ هَٰذَا وَمَأۡوَىٰكُمُ ٱلنَّارُ وَمَا لَكُم مِّن نَّٰصِرِينَ
Yεbεka akyerε wͻn sε: “Ɛnnε da yi Yε’werε befri mo sεdeε mo werε firii sε mobehyia mu wͻ moda woi mu no. Mofie ne Amanehunu gya no mu, na monni ͻboafoͻ
Ayah 34ذَٰلِكُم بِأَنَّكُمُ ٱتَّخَذۡتُمۡ ءَايَٰتِ ٱللَّهِ هُزُوࣰ ا وَغَرَّتۡكُمُ ٱلۡحَيَوٰةُ ٱلدُّنۡيَاۚ فَٱلۡيَوۡمَ لَا يُخۡرَجُونَ مِنۡهَا وَلَا هُمۡ يُسۡتَعۡتَبُونَ
Efirisε mofaa Nyankopͻn asεm no fεw die, na wiase asetena no daadaa mo. Enti saa Da no wͻ’nnya kwan mmfiri wͻ (Amanehunu gya no) mu, na wͻ’nnya kwan nso sε yεbεma wͻn kwan aba wiase bio (abεsakra wͻn adwen anya kwan asrε bͻnefakyε)
Ayah 35فَلِلَّهِ ٱلۡحَمۡدُ رَبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَرَبِّ ٱلۡأَرۡضِ رَبِّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Enti aseda no wͻ Nyankopͻn, ͻsoro Wura ne asaase Wura, Abͻdeε nyinaa Wura no
Ayah 36وَلَهُ ٱلۡكِبۡرِيَآءُ فِي ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِۖ وَهُوَ ٱلۡعَزِيزُ ٱلۡحَكِيمُ
Ɔno na ͻsoro ne asaase so Kεseyε wͻ no, Ɔne Otumfoͻ a Otumi ade nyinaa yε, Ɔne Onyansafoͻ no
Ayah 37