Surah An-Naba — The Announcement
Surah An-Naba (The Announcement) is chapter 78 of the Quran, with 40 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.
عَمَّ يَتَسَآءَلُونَ
Ɛfa εdeεn ho na wͻ’rebisa wͻn ho wͻn ho no
Ayah 1عَنِ ٱلنَّبَإِ ٱلۡعَظِيمِ
Ɛfa Amanebͻ (anaasε Asεm) kεseε no ho asεm no anaa
Ayah 2ٱلَّذِي هُمۡ فِيهِ مُخۡتَلِفُونَ
Ɛno na wͻ’regye ho akyinnyeε no
Ayah 3كَلَّا سَيَعۡلَمُونَ
Nokorε sε wͻ’behunu
Ayah 4ثُمَّ كَلَّا سَيَعۡلَمُونَ
Nokorε bio sε wͻ’behunu
Ayah 5أَلَمۡ نَجۡعَلِ ٱلۡأَرۡضَ مِهَٰدࣰ ا
Yεnfaa asaase nsεε hͻ ntrεε mu
Ayah 6وَٱلۡجِبَالَ أَوۡتَادࣰ ا
Ɛna Y’ayε mmepͻ tesε epie de atintim soͻ
Ayah 7وَخَلَقۡنَٰكُمۡ أَزۡوَٰجࣰ ا
Ɛna Y’abͻ mo mmienu mmienu (onini ne ͻbedeε)
Ayah 8وَجَعَلۡنَا نَوۡمَكُمۡ سُبَاتࣰ ا
Ɛna Y’ayε monna no ahomegyeε (berε paa)
Ayah 9وَجَعَلۡنَا ٱلَّيۡلَ لِبَاسࣰ ا
Ɛna Y’ayε anadwo (sε) akatasoͻ (ama mo)
Ayah 10وَجَعَلۡنَا ٱلنَّهَارَ مَعَاشࣰ ا
Ɛna Y’ayε adekyeε no (εberε a mode) hwehwε akͻnhoma
Ayah 11وَبَنَيۡنَا فَوۡقَكُمۡ سَبۡعࣰ ا شِدَادࣰ ا
Ɛna Y’asi ͻsoro nson a εyε den papaapa wͻ mo apampamu
Ayah 12وَجَعَلۡنَا سِرَاجࣰ ا وَهَّاجࣰ ا
Ɛna Y’ayε kanea a εhyerεn papaapa wͻ mu
Ayah 13وَأَنزَلۡنَا مِنَ ٱلۡمُعۡصِرَٰتِ مَآءࣰ ثَجَّاجࣰ ا
Ɛna Ye’siane nsuo firi mununkum no mu ma no bu soͻ
Ayah 14لِّنُخۡرِجَ بِهِۦ حَبࣰّ ا وَنَبَاتࣰ ا
Sεdeε Yε’de bεma nnuaba ne mfudeε afifire
Ayah 15وَجَنَّٰتٍ أَلۡفَافًا
Na turo mu nneεma nso bεka abͻmu yuu
Ayah 16إِنَّ يَوۡمَ ٱلۡفَصۡلِ كَانَ مِيقَٰتࣰ ا
Nokorε sε Asenni Da no yε εberε a y’ahyε ato hͻ
Ayah 17يَوۡمَ يُنفَخُ فِي ٱلصُّورِ فَتَأۡتُونَ أَفۡوَاجࣰ ا
Ɛda a yε’bεbͻ Totorobεnto no mu no, mobεba no akuo-akuo
Ayah 18وَفُتِحَتِ ٱلسَّمَآءُ فَكَانَتۡ أَبۡوَٰبࣰ ا
Na ͻsoro bebue na ayε apono
Ayah 19وَسُيِّرَتِ ٱلۡجِبَالُ فَكَانَتۡ سَرَابًا
Mmepͻ nso betutu afri hͻ na (asaase so) ayε sε kum-aforͻteε
Ayah 20إِنَّ جَهَنَّمَ كَانَتۡ مِرۡصَادࣰ ا
Nokorε sε, Amanehunu gya no tε baabi retwεn
Ayah 21لِّلطَّٰغِينَ مَـَٔابࣰ ا
Ɛhͻ ne abͻneεfoͻ no nnkyi
Ayah 22لَّٰبِثِينَ فِيهَآ أَحۡقَابࣰ ا
Wͻ’bεtena mu mfi tenten
Ayah 23لَّا يَذُوقُونَ فِيهَا بَرۡدࣰ ا وَلَا شَرَابًا
Wͻ’nnya nnyunu wͻ hͻ, na wͻ’nnya anom deε biara nso nnka nnhwε
Ayah 24إِلَّا حَمِيمࣰ ا وَغَسَّاقࣰ ا
Gyesε nsuo hyeε a aben papaapa ne ekuro mu nsuo (na wͻ’bεnom)
Ayah 25جَزَآءࣰ وِفَاقًا
Akatua a εfata (wͻn) ne no
Ayah 26إِنَّهُمۡ كَانُواْ لَا يَرۡجُونَ حِسَابࣰ ا
Nokorε sε, na wͻ’nnsuro (wͻn dwumadi bͻne no ho) akontabuo no
Ayah 27وَكَذَّبُواْ بِـَٔايَٰتِنَا كِذَّابࣰ ا
Wͻ’faa Yεn Nsεm no atorͻsεm paa
Ayah 28وَكُلَّ شَيۡءٍ أَحۡصَيۡنَٰهُ كِتَٰبࣰ ا
Biribiara nso y’atwerε ato hͻ wͻ Nwoma mu
Ayah 29فَذُوقُواْ فَلَن نَّزِيدَكُمۡ إِلَّا عَذَابًا
Enti monka (modwumadi bͻne no so aba) nhwε, na Yε’mmfa hwee nka moho gyesε asotwee
Ayah 30إِنَّ لِلۡمُتَّقِينَ مَفَازًا
Nokorε sε, nkonimdie wͻ Nyame-surofoͻ no
Ayah 31حَدَآئِقَ وَأَعۡنَٰبࣰ ا
(Wͻ’benya) Turo, ne bobe
Ayah 32وَكَوَاعِبَ أَتۡرَابࣰ ا
Ɛne mmabaawa a wͻ’bͻ tipεn
Ayah 33وَكَأۡسࣰ ا دِهَاقࣰ ا
Ne nkuruwa a yahyehyε no ma-ma
Ayah 34لَّا يَسۡمَعُونَ فِيهَا لَغۡوࣰ ا وَلَا كِذَّٰبࣰ ا
Wͻ’nnte nsεm hunu anaa nkontomposεm biara wͻ hͻ
Ayah 35جَزَآءࣰ مِّن رَّبِّكَ عَطَآءً حِسَابࣰ ا
Akatua a efiri wo Wura Nyankopͻn hͻ, εyε akyεdeε a εsom bo
Ayah 36رَّبِّ ٱلسَّمَٰوَٰتِ وَٱلۡأَرۡضِ وَمَا بَيۡنَهُمَا ٱلرَّحۡمَٰنِۖ لَا يَمۡلِكُونَ مِنۡهُ خِطَابࣰ ا
Ͻsoro ne Asaase ne deε εwͻ mfinfii no Wura, Ahummͻborͻ Hene no, obiara nni hᴐ a (obenya akokoᴐduro) sε ͻne no bεkasa
Ayah 37يَوۡمَ يَقُومُ ٱلرُّوحُ وَٱلۡمَلَٰٓئِكَةُ صَفࣰّ اۖ لَّا يَتَكَلَّمُونَ إِلَّا مَنۡ أَذِنَ لَهُ ٱلرَّحۡمَٰنُ وَقَالَ صَوَابࣰ ا
Ɛda a Honhom no ne Soro abͻfoͻ no bεto santen no, obiara nnkasa gyesε obi a Ahummͻborͻ Hene no ama no kwan, na ͻbεka asεm a εyε
Ayah 38ذَٰلِكَ ٱلۡيَوۡمُ ٱلۡحَقُّۖ فَمَن شَآءَ ٱتَّخَذَ إِلَىٰ رَبِّهِۦ مَـَٔابًا
Saa Da no yε nokorε, enti obi a ͻpε no, ͻnfa ne Wura Nyankopͻn hͻ nyε ne nnkyi
Ayah 39إِنَّآ أَنذَرۡنَٰكُمۡ عَذَابࣰ ا قَرِيبࣰ ا يَوۡمَ يَنظُرُ ٱلۡمَرۡءُ مَا قَدَّمَتۡ يَدَاهُ وَيَقُولُ ٱلۡكَافِرُ يَٰلَيۡتَنِي كُنتُ تُرَٰبَۢا
Nokorε sε Yε’rebͻ mo kͻkͻ fa asotwee a abεn no ho. Ɛda a onipa behunu dwuma a nensa adi ato n’anim no, boniayεni no bεka sε: “Ɛkaa menkoa anka meyε mfuturo”
Ayah 40