Surah At-Takwir — The Overthrowing
Surah At-Takwir (The Overthrowing) is chapter 81 of the Quran, with 29 verses. This page presents the Arabic text with a Twi translation, verse by verse.
إِذَا ٱلشَّمۡسُ كُوِّرَتۡ
Sε yεbobͻ awia ma nenhyerεne no fri hͻ na εyε tumm
Ayah 1وَإِذَا ٱلنُّجُومُ ٱنكَدَرَتۡ
Na sε Nsoromma tete hwe
Ayah 2وَإِذَا ٱلۡجِبَالُ سُيِّرَتۡ
Na sε mmepͻ tutu fri hͻ
Ayah 3وَإِذَا ٱلۡعِشَارُ عُطِّلَتۡ
Na sε yεto yoma bedeε a ͻnyem abosome du asaworam
Ayah 4وَإِذَا ٱلۡوُحُوشُ حُشِرَتۡ
Na yεboa nkeka-boaa ano wͻ faako
Ayah 5وَإِذَا ٱلۡبِحَارُ سُجِّرَتۡ
Na sε ogya tͻ po mu na ehuru, anaasε eyiri ma no kabom yε ͻpo baako
Ayah 6وَإِذَا ٱلنُّفُوسُ زُوِّجَتۡ
Na sε yεka akra ne (honam) bͻ mu
Ayah 7وَإِذَا ٱلۡمَوۡءُۥدَةُ سُئِلَتۡ
Na yebisa abaayaa (akokoaa) a, yasie no animono so sε
Ayah 8بِأَيِّ ذَنۢبࣲ قُتِلَتۡ
“Ɛdeεn bͻne na ͻyεeε a yekum no?”
Ayah 9وَإِذَا ٱلصُّحُفُ نُشِرَتۡ
Na sε yebue (obiara adwuma a, odiiε ho) Nwoma no mu
Ayah 10وَإِذَا ٱلسَّمَآءُ كُشِطَتۡ
Na sε ͻsoro nkatanimu no yi na efri netebea hͻ
Ayah 11وَإِذَا ٱلۡجَحِيمُ سُعِّرَتۡ
Na yεsͻ Amanehunu gya no ano
Ayah 12وَإِذَا ٱلۡجَنَّةُ أُزۡلِفَتۡ
Na yεde ͻsoro Aheman no bεn (agyidiefoͻ no) a
Ayah 13عَلِمَتۡ نَفۡسࣱ مَّآ أَحۡضَرَتۡ
(Ɛhͻ na) ͻkra biara behunu (dwuma pa anaasε dwuma bͻne a) ͻde aba
Ayah 14فَلَآ أُقۡسِمُ بِٱلۡخُنَّسِ
Mede Nsoromma a
Ayah 15ٱلۡجَوَارِ ٱلۡكُنَّسِ
Epue na εnante kͻtͻ
Ayah 16وَٱلَّيۡلِ إِذَا عَسۡعَسَ
Ne anadwo, sε εde nesum no ba (bεkata biribiara so)
Ayah 17وَٱلصُّبۡحِ إِذَا تَنَفَّسَ
Ne ahomakye, εberε a εbεhome ayi nenhyerεnee no adie no di nse sε
Ayah 18إِنَّهُۥ لَقَوۡلُ رَسُولࣲ كَرِيمࣲ
Nokorε, (Qur’aan) yε Ɔbͻfoͻ Nimuonyamfoͻ no asεm (a, Nyankopͻn de asomaa no)
Ayah 19ذِي قُوَّةٍ عِندَ ذِي ٱلۡعَرۡشِ مَكِينࣲ
(Ɔbͻfoͻ Gabriel) a ͻwͻ Tumi ne diberε wͻ Animuoyam Hene no anim no
Ayah 20مُّطَاعࣲ ثَمَّ أَمِينࣲ
(Gabriel) a (Abofoͻ) yε sotie ma no, Nokwafoͻ no
Ayah 21وَمَا صَاحِبُكُم بِمَجۡنُونࣲ
Enti moyͻnko (Muhammad) mmͻͻ dam
Ayah 22وَلَقَدۡ رَءَاهُ بِٱلۡأُفُقِ ٱلۡمُبِينِ
Ԑyε ampa sε, ohunuu (Gabriel) pefee wͻ wiem
Ayah 23وَمَا هُوَ عَلَى ٱلۡغَيۡبِ بِضَنِينࣲ
(Muhammad) nyε obi a ͻde Asumade no sie, bͻho ayεmuͻnyono
Ayah 24وَمَا هُوَ بِقَوۡلِ شَيۡطَٰنࣲ رَّجِيمࣲ
(Qur’aan) nyε ͻbonsam a y’abͻ no dua no asεm
Ayah 25فَأَيۡنَ تَذۡهَبُونَ
Na afei εhen na morekͻ yi
Ayah 26إِنۡ هُوَ إِلَّا ذِكۡرࣱ لِّلۡعَٰلَمِينَ
Nokorε sε (Qur’aan) yε afutusεm ma amansan nyinaa
Ayah 27لِمَن شَآءَ مِنكُمۡ أَن يَسۡتَقِيمَ
(Titiriw) dema mo mu obi a ͻpε sε onya kwankyerε
Ayah 28وَمَا تَشَآءُونَ إِلَّآ أَن يَشَآءَ ٱللَّهُ رَبُّ ٱلۡعَٰلَمِينَ
Na εnnyε sεdeε mopε, na mmom sεdeε Onyankopͻn, Abͻdeε nyinaa Wura no pε (na εbεyε hͻ)
Ayah 29